Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 26:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Nea n’adwene tim wo so na wobɛkora no asomdwoe a ewie pɛyɛ mu, efisɛ wo so na ɔde ne ho to.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Deɛ n’adwene tim wo soɔ na wobɛkora no asomdwoeɛ a ɛdi mu mu, ɛfiri sɛ wo so na ɔde ne ho toɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Wobɛkora no so asomdwoe mu nea wasi nʼadwene pi, efisɛ ɔde ne ho to wo so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Deɛ n’adwene tim wo soɔ na wobɛkora no asomdwoeɛ a ɛdi mu mu, ɛfiri sɛ wo so na ɔde ne ho toɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Obiara a ɔde ne ho to wo so no wobɛkora ne so asomdwoeɛ mu, ɛfiri sɛ ɔde ne ho ato wo so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Nea n’adwene tim wo so na wobɛkora no asomdwoe a ewie pɛyɛ mu, efisɛ wo so na ɔde ne ho to.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 26:3
34 Iomraidhean Croise  

na wonyaa mmoa ne wɔn koe, na wɔde Hagarfo ne wɔn a wɔka wɔn ho no nyinaa hyɛɛ wɔn nsa, efisɛ wɔteɛɛm frɛɛ Onyankopɔn ɔko no mu, na otiee wɔn, sɛ wɔn ani da no so nti.


Na wɔbrɛɛ Israelfo no ase bere no mu, na Yudafo no ho yɛɛ den, efisɛ wotweri AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no.


So Etiopiafo ne Libiafo no anyɛ dɔm a wɔdɔɔso bebree pa ara, dodow ne nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo mu? Na sɛ wutwerii AWURADE nti, ɔde wɔn hyɛɛ wo nsa.


Asomdwoe pii wɔ wɔn a wɔdɔ wo mmara, na biribi ntoatoa wɔn.


Wɔn a wɔde wɔn ho to AWURADE so no te sɛ Sion bepɔw, entwiw, na etim hɔ daa.


Na wɔn a wonim wo din de wɔn ho bɛto wo so, efisɛ woannyaw wɔn a wɔhwehwɛ wo, AWURADE.


Hwɛ, me nkwagye Nyankopɔn ni. Metweri no, na minsuro, na m’ahoɔden ne me dwom ne AWURADE Nyankopɔn ne m'ahoɔdenne me dwom, na wabɛyɛ me nkwagye.


AWURADE, wobɛhyehyɛ asomdwoe ama yɛn, na yɛn nneyɛe nyinaa nso, woawie ama yɛn.


Gye sɛ woguan toa me, na wɔne me di asomdwoesɛm, asomdwoesɛm na ma wɔne me nni.


Wonnue, wɔn a wɔkɔ Misraim kɔpɛ mmoa, na wɔn ani da apɔnkɔ so, na wɔde wɔn ho to nteaseɛnam so sɛ ɛdɔɔso, ne apɔnkɔsotefo so, sɛ wɔn ho yɛ den pii nti, na wɔn ani nna Israel kronkronni no so, na AWURADE akyi kwan nso, wɔnhwehwɛ.


na trenee no nneyɛe bɛyɛ asomdwoe, na trenee no aba ayɛ komm ne ahotoso akosi daa;


na me man bɛtena asomdwoe fi, ne ahotɔ tenabea, ne kommyɛ homebea.


Hena ani na afura sɛ m’akoa, hena na n’aso asiw sɛ me bɔfo a mesoma no no? Hena ani na afura sɛ nea ɔwɔ m’asomdwoe apam mu, anaa hena na n’ani afura sɛ AWURADE akoa no?


Me, AWURADE, mafrɛ wo trenee mu, na maso wo nsa, na makora wo, na mede wo mayɛ ɔman apam ne amanaman hann


Na wɔde kurow kronkron no frɛ wɔn ho, na wotweri Israel Nyankopɔn a asafo AWURADE ne ne din no.


Sɛ AWURADE se ni: Adom bere mu na matie wo, na nkwagye da mu na maboa wo, na mɛkora wo so, na mede wo mayɛ ɔman apam sɛ: Ma asase no so si hɔ, na ma wɔmfa agyapade a ayɛ afo no nni so bio.


Sɛ AWURADE se ni: Ɛhe ara na mo maame awaregyae nhoma a mede mekoo no no wɔ? Anaasɛ m’akafo mu hena na metɔn mo memaa no? Hwɛ, mo amumɔyɛ nti na wɔatɔn mo, na mo mmarato nti na wɔako mo maame.


Mo mu hena na osuro AWURADE, na otie n’akoa asɛm? Nea ɔnam sum mu na hann bi nhyerɛn mma no no, nanso ɔde ne ho to AWURADE din so, na ontweri ne Nyankopɔn.


Na sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, merekoa yiyedi mama no, sɛ asubɔnten, ne amanaman ahonyade nso, sɛ asuten a ayiri, na moanom. Nkyɛn mu na wobeturu mo, na wɔagyigye mo anankoroma so.


Na ofi na mɛma woafi mu afi, na worentɔ afoa ano; na wo kra bɛdan wo asade, efisɛ wode wo ho too me so, AWURADE asɛm ni.


Hwɛ, yɛn Nyankopɔn a yɛsom no no betumi ayi yɛn afi ogya a ɛrefram fononoo no mu, na obegye yɛn afi wo, ɔhene, nsam.


Nebukadnesar kae sɛ: Nhyira ne Sadrak, Mesak ne Abednego Nyankopɔn a wasoma ne bɔfo, na wabeyi ne nkoa a wɔde wɔn ho too no so na wɔsakraa ɔhene asɛm na wɔde wɔn honam mae, nea ɛbɛyɛ na wɔrensom na wɔrensɔre anyame biara sɛ wɔn Nyankopɔn.


Ɛno na ɔhene bo tɔɔ ne yam kɛse, na ɔkae sɛ wonyi Daniel mfi amoa no mu. Na wɔanhu sewa biara a etii no, efisɛ ɔde ne ho too ne Nyankopɔn so.


Na oyi bɛyɛ asomdwoe. Sɛ Asaria ba yɛn asase so na otiatia yɛn aban afɛfɛ mu a, ɛnna yebesisi ahwɛfo baasɔn, ne nnipa mu mmapɔmma baawɔtwe atia no.


Asomdwoe na mede migyaw mo, m’asomdwoe na mede mema mo; ɛnyɛ sɛnea wiase ma na mema mo. Mommma mo koma nntutu, nanso mommma no mmɔ mo hu!


Eyinom na maka mo, na moanya me mu asomdwoe. Mo ho behia mo wiase de, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Me na madi wiase so nkonim.


Afei efi gyidi mu na wɔabu yɛn bem nti, yɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo so wɔ Onyankopɔn fam asomdwoe;


na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra ntease nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan