Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 16:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Tu fo, bu atɛn; ma wo nwini nyɛ sɛ anadwo, awia ketee; fa wɔn a wɔapam wɔn hintaw, nyi aguanfo mma;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Tu fo, bu atɛn; ma wo nwunu nyɛ sɛ anadwo, awia ketee; fa wɔn a wɔapam wɔn hunta, nyi adwanefoɔ mma;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Moab ka se, “Munsi mo adwene pi, monna mo gyinaesi adi. Monyɛ mo sunsuma sɛ anadwo, awia ketee. Momfa aguanfo no nhintaw munnyi atubrafo no mma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Tu fo, bu atɛn; ma wo nwunu nyɛ sɛ anadwo, awia ketee; fa wɔn a wɔapam wɔn hunta, nyi adwanefoɔ mma;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 “Mommoa yɛn, mommɔ yɛn ho ban. Momfa yɛn nsie. Monnyi atukɔtenafoɔ no mma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Tu fo, bu atɛn; ma wo nwini nyɛ sɛ anadwo, awia ketee; fa wɔn a wɔapam wɔn hintaw, nyi aguanfo mma;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 16:3
18 Iomraidhean Croise  

na Yesebel retwitwa AWURADE adiyifo agu no, Obadia faa AWURADE adiyifo ha, na ɔde wɔn aduonum aduonum kosiee ɔbodan mu, na ɔde aduan ne nsu hwɛɛ wɔn.


Munsua papayɛ, monhwehwɛ atɛntrenee, monni mma mmɔborɔfo, mommɔ nyisaa ho ban, na mompere mma akunafo.


Na woayɛ aban a ɛyɛ den ama mmɔboroni, aban a ɛyɛ den ama ohiani, n’ahohia mu, ahum ano guankɔbea, ahohuru mu onwini, atirimmɔdenfo ahome ayɛ sɛ ahum ne osu a ɛboro fasu.


Na wɔn mu biara bɛyɛ sɛ mframa ano hintabea ne osu ano guankɔbea, sɛ nkyerekyerewa so nsuwansuwa, sɛ asase a akyen so botan kɛse onwini.


AWURADE Nyankopɔn a ɔboa Israel mpanyimfo ano no asɛm ni: Mɛkɔ so maboa nnipa ano mapae ɛno so maka wɔn a wɔaboa wɔn ano no ho.


Ɛno ɛnyɛ eyi nso: Sɛ wububu w’abodoo ma nea odi kɔm, na wode mmɔborɔfo, ohiani, ba wo fi, sɛ wuhu dagyafo a, wokata ne ho, na womfa wo ho nhintaw wo yɔnko?


Na wɔawo akokoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabanin; na n’ahenni bɛda ne mmati so, na wɔafrɛ ne din sɛ: Ɔfotufo nwonwani, Onyankopɔn tumfo, Daa agya, Asomdwoe hene;


Dawid fi, sɛ AWURADE se ni: Munni asɛntrenee anɔpa, na munyi nea wɔafow no mfi omimfo nsam, na m’abufuhyew amfi sɛ ogya ammɛhyew a obi rennum, mo nsɛnnii bɔne no nti.


Sɛ AWURADE se ni: Mummu atɛntrenee, nyɛ adetrenee, na munyi nea wɔafow no mfi omimfo nsam, na ɔhɔho, ayisaa ne okunafo, monnhyɛ wɔn so, mommmɔ wɔn atirimmɔden, na mogya a edi bem nso, munnhwie nngu ɛha yi.


Enti, ɔhene, ma m’afotu nyɛ wo fɛ, na fa trenee ka wo bɔne gu, na fa ahiafo ayɛyɛ sesa w’amumɔyɛ, sɛ ebia ɛbɛma wo yiyedi akyɛ.


Sɛ asafo Awurade se ni: Mummu nokwatɛn, na onipa ne ne nua nni no adɔe ne mmɔborohunu so;


Na ɔkɔm dee me, na momaa me biribi midii, osukɔm dee me, na momaa me nsu nomee, meyɛɛ ɔhɔho, na mofaa me kɔɔ mo fi;


Ahɔhoyɛ nso, mommma mo ani mmpa so; efisɛ eyi so na ebinom nam yɛɛ abɔfo hɔho a wɔn ani nni so.


Na nsɔe ka kyerɛɛ nnua no sɛ: Sɛ nokware mu na moresra me asi mo so hene a, ɛnne mommra mmɛdɔ me nwini mu; na sɛ ɛnte saa a, ogya mfi nsɔe mu mmɛhyew Lebanon nkyeneduru no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan