Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 1:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Nantwi nim ne wura, na afurum nim ne wura adididaka, na Israel de, onnim, me man nni ntease.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Nantwie nim ne wura, na afunumu nim ne wura adididaka, na Israel deɛ, ɔnnim, me man nni nteaseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Nantwi nim ne wura, afurum nso nim ne wura mmoa adididaka, nanso Israel nnim, me nkurɔfo nte ase.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Nantwie nim ne wura, na afunumu nim ne wura adididaka, na Israel deɛ, ɔnnim, me man nni nteaseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Nantwie nim ne wura, afunumu nso nim ne wura mmoa adididaka, nanso Israel nnim, me nkurɔfoɔ nte aseɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Nantwi nim ne wura, na afurum nim ne wura adididaka, na Israel de, onnim, me man nni ntease.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 1:3
24 Iomraidhean Croise  

Ɔman mu agyimifo, monte ase, na mo nkwasea, da bɛn na mubehu de?


Nnipa bɔne nhu atemmu mu, na wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE akyi kwan no hu ade nyinaa mu.


Ɔkwaadwofo, kɔ ntɛtea nkyɛn, hwɛ n’akwan, na hu nyansa.


Sɛ ne mmobaa no guan a, wobubu, mmea bɛpɛ kɔsɔ gya; na wɔyɛ ɔman a wonni nhumu, enti wɔn yɛfo no yam nhyehye no mma wɔn, na nea ɔnwenee wɔn no nhu wɔn mmɔbɔ.


Wahu nneɛma pii, nso ɔnhwɛ; wɔabue n’aso, nso ɔnte asɛm.


Wonnim de, na wonni nhumu, na wasram wɔn ani so na wɔanhu ade, ne wɔn koma nso, na wɔante ase;


na ɔsankuten ne bɛnta sanku ne mpintin ne bɔtɔwa ne nsa wɔ wɔn apontow ase, na AWURADE nneyɛe de, wɔnhwɛ, na ne nsa ano adwuma nso, wonhu.


Enti wɔrebetu me man akɔ, nimdeɛ a wonni nti; na ɔkɔm bekum n’anuonyamfo, na osukɔm ade ne nnipa dodow;


Na akraman no yɛ adifudepɛfo sɛ, wonnim ɔmee. Wɔyɛ nguanhwɛfo a wonni nhumu, wɔn nyinaa adannan wɔn ani akyerɛkyerɛ wɔn akwan so, obiara hwehwɛ ne mfaso, wɔn ankasa mfaso, obiako ne obiara.


Nnipa nyinaa yɛ agyimifo a wonni nimdeɛ, sikadwumfo nyinaa ani wuwu wɔn ahoni ho, efisɛ wɔn agude no yɛ atoro, na ahome nni wɔn mu.


Na wɔn nyinaa yɛ agyimifo ne nkwaseafo; ahoni kasakyerɛ! Enye mma hwee, ɛyɛ dua!


Na Rekab ba Yonadab mma ama wɔn agya ahyɛde a ɔhyɛɛ wɔn no atim; na ɔman yi de, wontie me.


Efisɛ me man agyimi, wonnim me; wɔyɛ mma nkwasea, na wonni nhumu. Wɔyɛ bɔne ho anyansafo, na papayɛ de, wonnim.


Me man adan nguan a wɔayera, wɔn ahwɛfo ama wɔafomfom kwan adannan akɔ mmepɔw so; wɔafi bepɔw so akɔ koko so, wɔn werɛ afi wɔn dabere.


Asukɔnkɔn a ɔwɔ wim po nim ne bere, aturukuku ne asomfena ne pokupoku wɛn wɔn ba bere, nanso me man nnim AWURADE ahyɛde.


Wo koma ayɛ gorɔw dɛn ara, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, sɛ woyɛɛ eyinom a ɛyɛ ɔbea aguaman a ɔso ne ti nneyɛe no nyinaa!


na Israel nyinaa ato wo mmara, na wɔmanee sɛ wɔrentie wo; na nnuabɔ ne ntam a wɔakyerɛw Onyankopɔn akoa Mose mmara mu no ahwie agu yɛn so, sɛ yɛayɛ no bɔne nti.


Na ɔno de, onnim sɛ me na memaa no awi ne nsa ne ngo, na memaa ne dwetɛ dɔe, ne ne sika a wɔhwere maa Baal no.


Obiara a ɔte ahenni no ho asɛm na ɔnte ase no, ɔbɔne no ba behwim nea wɔagu ne koma mu no; oyi ne nea woguu no kwankyɛn no.


Na sɛnea wɔammu sɛ wobekura Onyankopɔn wɔn nimdeɛ mu nti, Onyankopɔn yii wɔn maa adwene a ɛmfra, sɛ wɔnyɛ nea ɛmfata:


Na wɔhyɛ da ma wɔn werɛ fi sɛ, efi teteete no, ɔsoro ne asase a efii nsu mu, na efi nsu mfinimfini na ebetim hɔ wɔ Onyankopɔn asɛm so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan