Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yakobo 4:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Mubisa na munnya, efisɛ mubisa no bɔne, sɛ mobɛhwere no mo anigyede mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Mobisa na monnya, ɛfiri sɛ mobisa no bɔne, sɛdeɛ ɛbɛma moahwere no mo anigyedeɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Na sɛ mubisa koraa nso a, mo nsa renka, efisɛ mowɔ adwemmɔne, sɛ ɛbɛyɛ a mode nea munya no begye mo ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Mobisa na monnya, ɛfiri sɛ mobisa no bɔne, sɛdeɛ ɛbɛma moahwere no mo anigyedeɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Na sɛ mobisa koraa nso a, mo nsa renka, ɛfiri sɛ, mowɔ adwemmɔne. Mobisa nneɛma a ɛyɛ mo akɔnnɔdeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Mubisa na munnya, efisɛ mubisa no bɔne, sɛ mobɛhwere no mo anigyede mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yakobo 4:3
25 Iomraidhean Croise  

Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Esiane sɛ wubisaa asɛm yi, na woammisa nna dodo amfa, na woammisa ahonyade amfa, nanso woammisa w’atamfo kra, na wubisa nhumu, sɛ wode betie atemmu yi,


Ɛhɔ na wɔteɛm, na ommua, abɔnefo ahantan nti.


Wosu frɛe, na ogyefo bi nni hɔ, wɔfrɛɛ AWURADE, nanso wammua wɔn.


ɛno na wɔbɛfrɛ me, na merennye so, wɔbɛhwehwɛ me ahema, na wɔrenhu me.


Abɔnefo afɔre yɛ AWURADE akyide, na teefo mpaebɔ yɛ n’anisɔde.


Nea osiw n’aso fi ɔbrɛfo su ho no, ɔno nso besu afrɛ, na wɔrennye no so.


Abɔnefo afɔrebɔ yɛ akyide, na menne sɛ ɔde nam adwemmɔne mu ba.


Enti sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, mede bɔne a wɔrentumi mfi mu mereba wɔn so, na sɛ wosu frɛ me a, merentie wɔn.


Enti wo de, mpa kyɛw mma ɔman yi, na mma wɔn ho su ne mpaebɔ so, efisɛ wɔn amanehunu bere no mu, wosu frɛ me a, merentie.


Ɛwom sɛ wodi mmuada de, nso merentie wɔn nkotɔsrɛ; na sɛ wɔbɔ ɔhyew afɔre ne aduan afɔre a, m’ani rensɔ wɔn, na afoa ne ɔkɔm ne owuyare na mede mɛdwerɛw wɔn koraa.


Ɛno ansa na wobesu afrɛ AWURADE, nanso ɔremmua wɔn, na ɔde n’anim behintaw wɔn bere no mu, sɛnea wɔmaa wɔn nsɛnnii yɛɛ bɔne no.


Na sɛnea mefrɛe na wɔantie no, saa nso na wɔbɛfrɛ na merentie, asafo Awurade na ose.


Na Yesu buae sɛ: Munnim nea morebisa. Mubetumi anom kuruwa a merebɛnom no anaa? (Anaasɛ mubetumi ama wɔde asubɔ a wɔde rebɛbɔ me no abɔ mo anaa?) Wosee no sɛ: Yebetumi.


Na Yesu see wɔn sɛ: Munnim nea mubisa. Mubetumi anom kuruwa a menom ano anaa mobɛma wɔde asubɔ a wɔde bɔ me no abɔ mo?


Na obiara a obisa no, onya; na nea ɔhwehwɛ no, ohu; na nea ɔpem no, wohiɛ no.


Na anni da bi na ɔba akumaa no boaboaa ne nyinaa ano, na otuu kwan kɔɔ akyirikyiri asase bi so; ɛhɔ na ɔkɔbɔɔ ahohwi bra sɛee n’ahode nyinaa.


Na wo ba yi a ɔne nguaman adi w’ahode no bae ara pɛ de, woakum nantwi ba a wadɔ srade no ama no.


Ɛhe na ɔsa ne ɔko a ɛwɔ mo mu no fi? Emfi mo akɔnnɔ a ɛne mo honam akwaa ko no mu anaa?


na biribiara a yɛsrɛ no, yenya fi ne nkyɛn, efisɛ yedi n’ahyɛde so, na yɛyɛ nea ɛsɔ n’ani.


Na nnam a yɛde kɔ ne nkyɛn ne sɛ, yɛsrɛ biribiara sɛnea ɔpɛ a, otie yɛn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan