Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yakobo 3:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Hwɛ, ɛhyɛn nso a ɛsosoe sɛɛ, na mframa a emu yɛ den pia no, wɔde kudɔɔ ketewaa na ɛdannan no kɔ baabiara a hyɛn kwankyerɛfo no pɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Hwɛ, ɛhyɛn nso a ɛsoso sɛɛ, na mframa a emu yɛ den pia no, wɔde dua akyerɛkyerɛkwan ketewa bi na ɛdanedane no kɔ baabiara a hyɛn kwankyerɛfoɔ no pɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Anaasɛ dwene hyɛn ho; sɛnea ne kɛse te a mframa a ano yɛ den na ɛbɔ no, nanso wotumi de sitia ketewaa bi na ɛdannan no ma ɛkɔ baabi a hyɛnkafo no pɛ sɛ ɛkɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Hwɛ, ɛhyɛn nso a ɛsoso sɛɛ, na mframa a emu yɛ den pia no, wɔde dua akyerɛkyerɛkwan ketewa bi na ɛdanedane no kɔ baabiara a hyɛn kwankyerɛfoɔ no pɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Anaasɛ dwene ɛhyɛn ho: sɛdeɛ ne kɛseɛ te a mframa a ano yɛ den na ɛbɔ no, nanso wɔtumi de akyerɛkyerɛkwan ketewaa bi na ɛdanedane no ma ɛkɔ baabi a hyɛnkafoɔ no pɛ sɛ ɛkɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Hwɛ, ɛhyɛn nso a ɛsosoe sɛɛ, na mframa a emu yɛ den pia no, wɔde kudɔɔ ketewaa na ɛdannan no kɔ baabiara a hyɛn kwankyerɛfo no pɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yakobo 3:4
8 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE maa mframa a ano yɛ den bɛbɔe ɛpo no so, na ahum kɛse tui na hyɛn no yɛe sɛ ɛrebɛbɔ.


M’agya de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa; na obiara nnim ɔba no, gye agya no, na obiara nnim agya no, gye Ɔba no ne nea Ɔba no pɛ sɛ oyi no adi kyerɛ no.


Na hwɛ, ahum kɛse bi tui ɛpo no so, na ɛmaa asorɔkye bu bɛkataa ɔkorow no so; na ɔno de, na wada.


Nanso asraafo ha so panyin no gyee hyɛn kwankyerɛfo ne hyɛn wura no dii kyɛn nea Paulo kae no.


Yɛde nnareka to apɔnkɔ anom sɛ wontie yɛn, na yɛdannan wɔn aboa mu nyinaa.


Saa ara na tɛkrɛma nso yɛ ɔhonam akwaa mu ketewa, nanso ɛhoahoa ne ho ade kɛse ho. Ogya ketewa nso, monhwɛ kwae kɛse a ebetumi ahyew!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan