Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yakobo 3:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Efisɛ yɛn nyinaa fom nneɛma pii mu. Sɛ obi mfom asɛm mu a, ɔno ara na ɔyɛ onipa a owie pɛyɛ a obetumi ato nipadua nyinaa nnareka adi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Ɛfiri sɛ yɛn nyinaa fom wɔ nnoɔma bebree mu. Sɛ obi mfom asɛm mu a, ɔno ara na ɔyɛ onipa a ɔwie pɛyɛ a ɔbɛtumi ato nipadua nyinaa nnareka adi soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Yɛn nyinaa taa yɛ mfomso. Onipa a ɔnyɛ mfomso wɔ nea ɔka mu no yɛ pɛ a obetumi ahyɛ ne nipadua no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Ɛfiri sɛ yɛn nyinaa fom wɔ nnoɔma bebree mu. Sɛ obi mfom asɛm mu a, ɔno ara na ɔyɛ onipa a ɔwie pɛyɛ a ɔbɛtumi ato nipadua nyinaa nnareka adi soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Yɛn nyinaa taa yɛ mfomsoɔ. Onipa a ɔnyɛ mfomsoɔ wɔ deɛ ɔka mu no yɛ pɛ a ɔbɛtumi ahyɛ ne onipadua no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Efisɛ yɛn nyinaa fom nneɛma pii mu. Sɛ obi mfom asɛm mu a, ɔno ara na ɔyɛ onipa a owie pɛyɛ a obetumi ato nipadua nyinaa nnareka adi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yakobo 3:2
29 Iomraidhean Croise  

Sɛ wɔyɛ wo bɔne, efisɛ onipa bi nni hɔ a ɔnyɛ bɔne, na wofa wɔn abufuw, na wuyi wɔn ma wɔn atamfo, na dɔm soa wɔn nnommum kɔ atamfo asase so akyirikyiri oo, mmɛnkyɛnee oo,


Sɛ wɔyɛ wo bɔne, efisɛ onipa bi nni hɔ a ɔnyɛ bɔne, na wofa wɔn abufuw na wuyi wɔn ma wɔn atamfo, na dɔm soa wɔn kɔ asase bi so, akyirikyiri oo, mmɛnkyɛnee oo,


na wodan wo honhom tia Onyankopɔn na woma nsɛnkekae fi w’anom?


Kora wo tɛkrɛma, bɔne ho, ɛne w’ano, nnaadaasɛm ho.


Mekae sɛ: Mɛhwɛ m’akwan yiye, na mamfa me tɛkrɛma manyɛ bɔne. Mede nnareka meso m’ano, sɛ ɔbɔnefo wɔ m’anim yi.


Mfomso mpa ɔkasa dodow mu, na nea osianka n’ano yɛ onimdefo.


Nea ɔkora n’ano hwɛ ne kra so, nea ɔtɛɛ n’anom nya ɔsɛe.


Hena na ɔbɛka se: Matew me koma mu, me ho afi afi me bɔne ho?


Nea ɔkora n’ano ne ne tɛkrɛma no, ɔkora ne kra fi ahohia mu.


Na onipa trenee bi nni asase so a ɔyɛ papa na ɔnyɛ bɔne.


Na yɛn nyinaa ayɛ sɛ nea ne ho ntew, na yɛn adetrenee nyinaa te sɛ ntamagow afiafi; na yɛn nyinaa kisa sɛ ahaban, na yɛn amumɔyɛ soa yɛn kɔ sɛ mframa;


na ɔsɔfo no hwɛ, na sɛ atape a ani dum fitaa wɔ wɔn honam were mu a, ɛyɛ yam a ayerɛw were mu; ne ho tew.


Nhurutoa mma! Moyɛ abɔnefo yi, mobɛyɛ dɛn atumi aka nsɛm pa? Na nea ayɛ koma ma abu so no na ano ka.


Na wo nsɛm so na wɔnam bebu wo bem, na wo nsɛm so nso na wɔnam bebu wo fɔ.


sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Ɔtreneeni biara nni hɔ, obiako po nni hɔ.


Ɛnne mihu mmara yi sɛ, me a mepɛ sɛ meyɛ nea eye no, bɔne wɔ me mu.


na mmom mehyɛ me nipadua yaw, na midi no nya, na mereka asɛm makyerɛ ebinom yi, m’ankasa wayi me tokyene.


Nanso kyerɛw no aka nneɛma nyinaa ahyɛ bɔne ase sɛnea ɛbɛyɛ na wɔde bɔhyɛ no afi Yesu Kristo ho gyidi mu ama wɔn a wogye di.


Na ɔhonam kɔn dɔ tia honhom, na honhom tia ɔhonam, na nneɛma abien yi nhyia, na esiw mo nea mopɛ sɛ moyɛ ho kwan.


Ɔno na yɛbɔ dawuru, yɛkasa kyerɛ onipa biara, na yɛkyerɛkyerɛ nkorowankorowa biara nyansa nyinaa mu, sɛ yɛde onipa biara besi hɔ pɛpɛɛpɛ Kristo mu.


Kristo Yesu akoa Epafra a ofi mo mu no kyia mo. Daa odi ma mo dennennen wɔ mpaebɔ mu, sɛ munnyina hɔ pɛpɛɛpɛ, na moayɛ ma Onyankopɔn apɛde nyinaa mu.


onsiesie mo adepa biara mu mma monyɛ nea ɔpɛ, na ɔmfa Yesu Kristo so nyɛ mo mu ade a ɛsɔ n’ani. Ɔno na anuonyam wɔ no daa daa. Amen.


Sɛ obi susuw sɛ ɔyɛ onyamesomfo, na wanto ne tɛkrɛma nnareka, na mmom ɔdaadaa ne kra na, saa onipa yi nyamesom yɛ ɔkwa.


Na momma boasetɔ no nwie n’adwumayɛ pɛ, na moayɛ pɛ ne mu, na anka mo biribi.


Na nea obedi mmara nyinaa so na ɔbɛto biako no, na wadi ne nyinaa ho fɔ.


Na nea ɔpɛ nkwa na ɔpɛ sɛ ohu nna pa no, ma no nyi ne tɛkrɛma mfi bɔne mu, ne n'ano na anka nnaadaasɛm.


Na adom nyinaa Nyankopɔn a wafrɛ mo aba ne daa anuonyam no mu Kristo mu no, ɔno ara na sɛ munya hu amane kakra ansa a, obesiesie mo pɛ, ɔbɛma mo ase atim, ɔbɛhyɛ mo den, ɔbɛma moanya nnyinaso.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan