Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yakobo 3:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Me nuanom, monnyɛ akyerɛkyerɛfo bebree, na munim sɛ yebenya afobu kɛse mmom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Me nuanom, mommma mo mu bebree nnyɛ akyerɛkyerɛfoɔ, na monim sɛ yɛbɛnya afobuo kɛseɛ mmom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Me nuanom, ɛnyɛ mo nyinaa na ɛsɛ sɛ moyɛ mo ho akyerɛkyerɛfo, efisɛ munim sɛ yɛn akyerɛkyerɛfo de, sɛ yɛfom a, wobebu yɛn atɛn a mu yɛ den sen afoforo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Me nuanom, mommma mo mu bebree nnyɛ akyerɛkyerɛfoɔ, na monim sɛ yɛbɛnya afobuo kɛseɛ mmom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Me nuanom, ɛnyɛ mo nyinaa na ɛsɛ sɛ moyɛ mo ho akyerɛkyerɛfoɔ, ɛfiri sɛ, monim sɛ yɛn akyerɛkyerɛfoɔ deɛ sɛ yɛfom a, wɔbɛbu yɛn atɛn a emu yɛ den sene afoforɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Me nuanom, monnyɛ akyerɛkyerɛfo bebree, na munim sɛ yebenya afobu kɛse mmom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yakobo 3:1
30 Iomraidhean Croise  

Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ ɛno ne nea AWURADE kae sɛ: Wɔn a wotwiw bɛn me no mu na mɛyɛ me ho kronkron, na ɔman no nyinaa anim na mɛhyɛ me ho anuonyam.


Awurade betwa ɔbarima a ɔyɛ eyi no: Sɛ onim na ɔhyɛ da yɛ no afi Yakob ntamadan mu na wapo n’ayɛyɛde a ɔde brɛ Awurade no.


Osuani nsen ne kyerɛkyerɛfo, na akoa nsen ne wura.


Munnue! Mo Kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ moto ɔsoro ahenni mu nnipa anim; na mo ara monkɔ mu, nanso wɔn a wɔrekɔ mu no, mommma wɔn kwan nkɔ mu.


(Munnue! Mo kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ mobɔ akunafo apoo, nanso moboapa bɔ mpae atenten kyerɛ. Eyi nti mubenya afobu a ɛso.)


Na Farisifo no hui no, wɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Adɛn nti na mo kyerɛkyerɛfo ne towgyefo ne nnebɔneyɛfo didi yi?


Na ɔfrɛɛ no see no sɛ: Ɛdɛn na mete wɔ wo ho yi! Bebu wo panyinni ho akontaa, na worenni panyin bio.


Nanso mummmu ntɛn, na wɔammu mo ntɛn; mummmu fɔ, na wɔammu mo fɔ; momfa nkyɛ, na wɔde akyɛ mo.


Yesu bua see no sɛ: Woyɛ Israel kyerɛkyerɛfo na wunnim eyinom?


Nso asafo a ɛwɔ Antiokia no, na adiyifo ne akyerɛkyerɛfo bi wɔ mu, wɔne Barnaba ne Simeon a wɔfrɛ no Niger, ne Kireneni Lukio, ne Manaen a wɔtetew no ne ɔmansinhene Herode bom, ne Saulo.


Na Onyankopɔn de ebinom asi asafo no mu sɛ asomafo kan, nea ɛto so abien, adiyifo, nea ɛto so abiɛsa, akyerɛkyerɛfo, bio nso tumide, ne ayaresa adom akyɛde, aboafo, mpanyin nnwuma, kasa ahorow.


Na etwa yɛn nyinaa sɛ yekopue Kristo atemmu agua anim hɔ, na obiara anya nea ɔnam nipadua so yɛe no, papa oo, bɔne oo, sɛnea ɔyɛe no.


Na ɔno na wama ebinom ayɛ asomafo, ebinom adiyifo, ebinom asɛmpakafo, ebinom ahwɛfo ne akyerɛkyerɛfo,


pɛ sɛ wɔyɛ mmarakyerɛfo, nanso wɔnte nea wɔka ne nea wɔhyɛ mu den no ase.


Ɛno na wɔabɔ din ahyɛ me ɔsɛnkafo ne somafo (meka nokware, minni atoro), amanaman kyerɛkyerɛfo, gyidi ne nokware mu.


Ɛno na wɔabɔ din ahyɛ me ɔsɛnkafo ne ɔsomafo ne ɔkyerɛkyerɛfo.


Muntie mo mpanyimfo na mommrɛ mo ho ase mma wɔn, efisɛ wɔn na wɔwɛn mo kra sɛ wɔn a wobebu ho akontaa, na wɔde anigye ayɛ, na ɛnyɛ ahomegu; efisɛ eyi nyɛ mfaso biara mma mo.


Me nuanom adɔfo, mommma wɔnnnaadaa mo.


Me nuanom adɔfo, munim eyi. Ma nnipa nyinaa nyɛ ntɛm ntie, nyɛ nyaa nkasa, na wɔnyɛ nyaa mfa abufuw;


Ano koro no ara mu na nhyira ne nnome fi. Me nuanom, ɛnsɛ sɛ eyinom ba saa!


ɛnyɛ sɛ wɔn a wodi asafotow no so bakoma, na mmom monyɛ nhwɛso mma nguankuw no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan