Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yakobo 1:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na momma boasetɔ no nwie n’adwumayɛ pɛ, na moayɛ pɛ ne mu, na anka mo biribi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na momma boasetɔ no nwie n’adwumayɛ pɛ, na moayɛ pɛ a ɛnkaa mo biribiara ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Momma ntoboase no ntena mo mu daa nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛyɛ pɛ a biribiara ho renhia mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na momma boasetɔ no nwie n’adwumayɛ pɛ, na moayɛ pɛ a ɛnkaa mo biribiara ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Momma boasetɔ no ntena mo mu daa nyinaa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mobɛyɛ pɛ a biribiara ho renhia mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na momma boasetɔ no nwie n’adwumayɛ pɛ, na moayɛ pɛ ne mu, na anka mo biribi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yakobo 1:4
26 Iomraidhean Croise  

Nanso ɔtreneeni bekura ne kwan mu, na nea ne nsa ho tew no bɛkɔ so anya ahoɔden.


Yɛ komm ma AWURADE, na tɔ wo bo ase twɛn no. Nhoran wo bo, nea ne kwan asi no yiye no nti, onipa a odi ne koko so asɛm so nti.


Ɔtwɛn na metwɛn AWURADE, na ɔyɛɛ aso maa me,


Bu no, na ɛbɛma wo so; sɛ woyɛ no atuu a, ɛbɛhyɛ wo anuonyam.


Na adehu no da so kyerɛ bere a wɔahyɛ, na ɛrepɛ kwan aba na ɛyɛ nokware, sɛ ɛtwentwɛn ase nso a, twɛn no ara, na ba de, ɛbɛba, ɛrenka akyiri.


Na me din nti nnipa bɛtan mo; na nea obegyina ano akodu awiei no, ɔno na wobegye no nkwa.


Aberante no ka kyerɛɛ no sɛ: Madi eyinom nyinaa so. Ɛdɛn na aka me bio?


Enti monyɛ pɛ sɛnea mo agya a ɔwɔ soro no yɛ pɛ no.


Na Yesu hwɛɛ no dinn na ɔdɔɔ no, na osee no sɛ: Aka wo ade biako: Kɔ na kɔtɔn nea wowɔ nyinaa, na fa ma ahiafo, na wubenya agyapade ɔsoro; na bra bedi m’akyi.


Na Yesu tee saa no, osee no sɛ: Ɛda so ka wo ade biako, kɔtɔn nea wowɔ nyinaa, na kyɛ ma ahiafo, na wubenya ademude ɔsoro; na bra bedi m’akyi!


Mo boasetɔ mu na mubenya mo kra.


Na asase pa mu de no ne wɔn a wɔde koma pa a eye te asɛm no, na wɔde sie, na wɔnam boasetɔ mu sow aba.


Mewɔ wɔn mu na wowɔ me mu, na wɔawie pɛyɛ biakoyɛ mu, na wiase ahu sɛ wo na wosomaa me, na wodɔ wɔn sɛnea wodɔ me no.


Nanso yɛka nyansa ho asɛm kyerɛ wɔn a wɔdi mu, na ɛyɛ nyansa a ɛnyɛ wiase yi de, na ɛnyɛ wiase atumfo a wobeyi wɔn hɔ no de,


Na mommma yɛmmmrɛ papayɛ mu; na sɛ yɛampa abaw a, yebetwa so aba ne bere mu.


Kristo Yesu akoa Epafra a ofi mo mu no kyia mo. Daa odi ma mo dennennen wɔ mpaebɔ mu, sɛ munnyina hɔ pɛpɛɛpɛ, na moayɛ ma Onyankopɔn apɛde nyinaa mu.


Na ɔno asomdwoe Nyankopɔn no ara ntew mo ho koraa, na ɔnhwɛ mo honhom ne mo kra ne mo nipadua so mu a ɛho remma asɛm bi yɛn Awurade Yesu Kristo ba mu.


Na Onyankopɔn nipa ayɛ pɛ a wɔasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa.


onsiesie mo adepa biara mu mma monyɛ nea ɔpɛ, na ɔmfa Yesu Kristo so nyɛ mo mu ade a ɛsɔ n’ani. Ɔno na anuonyam wɔ no daa daa. Amen.


Na sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ommisa Onyankopɔn a ɔma nnipa nyinaa ade kwa na ahohora nnim no, na ɔde bɛma no.


Efisɛ yɛn nyinaa fom nneɛma pii mu. Sɛ obi mfom asɛm mu a, ɔno ara na ɔyɛ onipa a owie pɛyɛ a obetumi ato nipadua nyinaa nnareka adi so.


Na adom nyinaa Nyankopɔn a wafrɛ mo aba ne daa anuonyam no mu Kristo mu no, ɔno ara na sɛ munya hu amane kakra ansa a, obesiesie mo pɛ, ɔbɛma mo ase atim, ɔbɛhyɛ mo den, ɔbɛma moanya nnyinaso.


Efisɛ nea eyinom abɔ no no yɛ onifuraefo, na n’ani anyam, onhu akyiri ade, na ne werɛ afi ne bɔne a wayɛ dedaw no ho hohoro.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan