Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yakobo 1:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Yakobo, Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo akoa, kyerɛw kɔma mmusuakuw dumien a wɔahwete no sɛ: Anigye nka mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Yakobo, Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo akoa, kyea mmusuakuo dummienu a wɔahweteɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Saa krataa yi fi me Yakobo a meyɛ Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo somfo nkyɛn, Mikyia mmusuakuw dumien a wɔahwete no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Yakobo, Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo akoa, kyea mmusuakuo dummienu a wɔahweteɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Krataa yi firi me Yakobo a meyɛ Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo ɔsomfoɔ nkyɛn, Mekyea mmusuakuo dumienu a wɔahwete no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Yakobo, Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo akoa, kyerɛw kɔma mmusuakuw dumien a wɔahwete no sɛ: Anigye nka mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yakobo 1:1
41 Iomraidhean Croise  

Na Elia tasee abo dumien sɛ Yakob a AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ: Israel ne wo din no, mma mmusuakuw no ano si.


Na wɔbobɔɔ Onyankopɔn fi anobue no ho afɔre: Anantwinini ɔha, adwennini ahanu, nguammaa ahannan, ne mpapo a wɔde bɔɔ Israel nyinaa ti bɔne ho afɔre dumien, sɛ Israel mmusuakuw ano te no.


Na Haman ka kyerɛɛ ɔhene Akas-weros sɛ: Ɔman biako bi wɔ hɔ a wɔabɔ apete na wɔatew wɔn ho afi amanaman mu, w’ahenni nsase nyinaa so, na ɛsono wɔn mmara ne aman nyinaa de, na ɔhene mmara no, wonni so, na ɛmfata ɔhene sɛ ɔbɛma wɔn kwan.


Na Mose kyerɛw Awurade nsɛm no nyinaa. Na otuaa ahema sii afɔremuka bepɔw no ase, ne adum dumien, sɛ Israel mmusuakuw dumien no ano te.


Na abo no ano nyɛ sɛ Israel mma no din ano te, dumien, sɛ wɔn din no te; ɛnyɛ nsɔanode nkurukyerɛwee, sɛnea din no te mmiako mmiako, sɛ mmusuakuw dumien no te.


Na abo no ano du Israel mma no din ano, dumien, sɛ wɔn din te; ɛyɛ nsɔanode nkurukyerɛwee, sɛnea din no te mmiako mmiako, sɛ mmusuakuw dumien no te.


Na sɛ misunsum wɔn mekɔ amanaman mu, na mebɔ wɔn mepete nsaase so a, wobehu sɛ mene AWURADE.


na mo de, mɛbɔ mo apete wiase amanaman mu, na matwe nkrante madi mo akyi, na mo asase bɛda ntuw, na mo nkurow ayɛ fo.


Filipo ne Bartolomeo, Toma ne towgyeni Mateo, Alfeo ba Yakob ne Tadeo,


Ɛnyɛ duadwumfo no ba no ni? Wɔmfrɛ ne na Maria, ne ne nuanom Yakob ne Yosef ne Simon ne Yuda?


Na Yesu see wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ mo a moabedi m’akyi yi, wiase foforo no mu no, da a Onipa Ba no bɛtena n’anuonyam ahengua so no, mo nso mobɛtena nhengua dumien so abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn.


ne Andrea ne Filipo ne Bartolomeo ne Mateo ne Toma, ne Alfeo ba Yakobo, ne Tadeo ne Kanani Simon,


na moadidi na moanom me pon so wɔ m’ahenni mu, na moatena nhengua so abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn.


Mateo ne Toma, Alfeo ba Yakob ne Simon a wɔfrɛ no Selote,


Sɛ obi som me a, ma onni m’akyi, na faako a mewɔ no, ɛhɔ na me somfo nso bɛba; na sɛ obi som me a, m’Agya bedi no ni.


Ɛnna Yudafo no sisee wɔn ho sɛ: Ɛhe na oyi rebɛkɔ a yɛrenhu no? So ɔrebɛkɔ wɔn a wɔapete Helafo mu no mu akɔkyerɛkyerɛ Helafo?


Na woduu hɔ no, wɔkɔɔ abansoro dan no mu; ɛhɔ na Petro ne Yohane ne Yakobo, Andrea, Filipo ne Toma, Bartolomeo ne Mateo, Alfeo ba Yakob ne Simon Selote ne Yakobo ba Yuda te.


Na ɔde ne nsa nyamaa wɔn sɛ wommua wɔn ano, na ɔkae sɛnea Awurade yii no fii afiase hɔ no kyerɛɛ wɔn. Na ose: Monkɔka nsɛm yi nkyerɛ Yakob ne anuanom no. Na ofii hɔ kɔɔ baabi foforo.


Na wɔn ano sii no, Yakob buae sɛ: Anuanom, muntie me!


Na efi tete no na Mose wɔ wɔn a wɔka n’asɛm nkurow nyinaa mu, na wɔkenkan no hyia adan mu daa homeda.


na wɔkyerɛw nhoma hyɛɛ wɔn nsa sɛ: Asomafo ne anuanom mpanyimfo no kyia anuanom a wofi amanaman mu a wɔwɔ Antiokia ne Siria ne Kilikia no.


Na Yudafo bi a wɔyɛ nnipa nyamesurofo a wofi wiase aman nyinaa mu te Yerusalem.


Na ade kyee no, Paulo ne yɛn kɔɔ Yakob nkyɛn, na mpanyimfo no nyinaa baa hɔ bi.


Klaudio Lisia de eyi kyia amrado pa Felike.


Ɛno ara na yɛn mmusuakuw dumien no de awia ne anadwo som a emu yɛ den ma wɔn ani da so sɛ wobenya; ɔhene, saa anidaso yi nti na Yudafo toto m’ano yi.


Na Saulo nso penee ne kum no so. Na da no ara ɔtaa kɛse baa asafo a ɛwɔ Yerusalem no so, na wɔn nyinaa hwete kɔɔ Yudea ne Samaria nsaase so, gye asomafo no nko.


Paulo, Yesu Kristo akoa, a wɔfrɛɛ no sɛ ɔmmɛyɛ ɔsomafo na wɔayi no asi hɔ ama Onyankopɔn asɛmpa


na asomafo a ɛkeka ho no de, manhu wɔn mu biara, gye Awurade nua Yakobo.


Ɛne sɛ nnipa bi a wofi Yakobo nkyɛn no nnya mmae no, na ɔne amanaman mufo didi; na wɔbae no, ɔtwee ne ho tew ne ho fii wɔn ho, efisɛ na osuro wɔn a wofi twetiatwafo mu no.


Na wohuu adom a wɔde ama me no, Yakob ne Kefa ne Yohane a wobu wɔn sɛ adum no teɛɛ ayɔnkofa nsa nifa maa me ne Barnaba, sɛ yɛnkɔka asɛm no amanaman mufo mu, na wɔn de, wɔnka no twetiatwafo mu,


Na AWURADE bɛbɔ wo apete aman nyinaa mu afi asase ano akosi asase ano, na ɛhɔ na wobɛsom anyame foforo a wo ne w’agyanom nnim wɔn a ɛyɛ nnua ne abo;


ɛnne AWURADE wo Nyankopɔn bɛdan wo dommum no, na ne yam ahyehye no ama wo, na wasan aboa w’ano afi aman a AWURADE wo Nyankopɔn apansam wo akɔ hɔ no nyinaa mu.


Anka mise: Mehuw wɔn agu, mɛma wɔn nkae to atwa afi nnipa mu,


Na AWURADE bɛpansam mo agu amanaman mu, na ɛbɛka mo mu kakraa bi wɔ wiase aman a AWURADE de mo bɛkɔ hɔ no mu;


Paulo ne Timoteo, Kristo Yesu nkoa, de kɔma Kristo Yesu mu ahotefo a wɔwɔ Filipi nyinaa ne ahwɛfo ne asomfo:


Bɔ mmɔden bra ansa na awɔw bere aba. Eubulo ne Pude ne Lino ne Klaudia ne anuanom nyinaa kyiakyia wo.


Paulo, Onyankopɔn akoa, ne Yesu Kristo somafo, ma wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no gyidi ne onyamesom pa ho nokware no nimdeɛ,


Petro, Yesu Kristo somafo, de kɔma wɔn a wɔahwete akɔ Ponto, Galatia, Kapadokia, Asia ne Bitinia no mu amamfrafo a wɔayi wɔn,


Simon Petro, Yesu Kristo akoa ne somafo, de kɔma wɔn a wɔanya gyidi a ne bo yɛ den sɛ yɛn de no, yɛn Nyankopɔn ne Agyenkwa Yesu Kristo trenee mu:


Yuda, Yesu Kristo akoa, Yakob nua, de kɔma wɔn a wɔafrɛ wɔn a Agya Onyankopɔn dɔ wɔn na wɔakora wɔn ama Yesu Kristo no:


Na metee wɔn a wɔasɔ wɔn ano no dodow: Mpem ɔha aduanan anan na wɔasɔ wɔn ano Israel mma mmusuakuw nyinaa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan