Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Tito 3:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Efisɛ yɛn nso, kan no na yɛyɛ nkwasea, asoɔdenfo, nnipa a wɔtaa yɛ mfomso, som akɔnnɔ ne anigyede horow, te nnebɔne ne nitan mu a wɔn ho yɛ ahi na wɔtentan wɔn ho wɔn ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Ɛfiri sɛ yɛn nso, akane no na yɛyɛ nkwasea, asoɔdenfoɔ, nnipa a wɔtaa yɛ mfomsoɔ, som akɔnnɔ ne anigyedeɛ ahodoɔ, te nnebɔne ne nitan mu a wɔn ho yɛ ahi na wɔtentane wɔn ho wɔn ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Kan no, na yɛn ankasa yɛyɛ nkwaseafo, asoɔdenfo, ne abɔnefo. Na yɛyɛ akɔnnɔ ne anigye ahorow nkoa. Yɛsɛee yɛn abrabɔ wɔ bɔne ne anibere ho. Afoforo tan yɛn maa yɛn nso yɛtan wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Ɛfiri sɛ yɛn nso, akane no na yɛyɛ nkwasea, asoɔdenfoɔ, nnipa a wɔtaa yɛ mfomsoɔ, som akɔnnɔ ne anigyedeɛ ahodoɔ, te nnebɔne ne nitan mu a wɔn ho yɛ ahi na wɔtentane wɔn ho wɔn ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Kane no, na yɛn ankasa yɛyɛ nkwaseafoɔ, asoɔdenfoɔ, ne abɔnefoɔ. Na yɛyɛ akɔnnɔ ne anigyeɛ ahodoɔ nkoa. Yɛsɛee yɛn abrabɔ wɔ bɔne ne anibereɛ ho. Afoforɔ tanee yɛn maa yɛn nso yɛtanee wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Efisɛ yɛn nso, kan no na yɛyɛ nkwasea, asoɔdenfo, nnipa a wɔtaa yɛ mfomso, som akɔnnɔ ne anigyede horow, te nnebɔne ne nitan mu a wɔn ho yɛ ahi na wɔtentan wɔn ho wɔn ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Tito 3:3
37 Iomraidhean Croise  

Na Onan nim sɛ mma no renyɛ ne dea, enti sɛ ɔkɔ ne nua yere no ho a, ɔma ne ho nsu no gu fam sɛe, na wanwo mma amma ne nua no.


Na ɔde n'atade no guu ne nkyɛn kosii sɛ ne wura baa ofie.


Na obu ne ho bi, n’ankasa ani so, sɛ wɔrenhu n’amumɔyɛ na wɔakyi.


Mo, ntetekwaa, momma mo ani ntew, na mo, nkwasea, munnya nhumu koma.


Munnyaw ntetekwaa na munnya nkwa, na monnantew nhumu kwan so.


Nso na odi: Wɔadaadaa ne koma ama wato kwan, na ontumi nnye ne kra, nso ɔnka sɛ: So ɛnyɛ atoro na ɛwɔ me nifa mu yi?


Wo koma ahantan adaadaa wo, wo a wote ɔbotan ntokuru mu, nea ɛhɔ korɔn ne w’agua, wuse wo koma mu sɛ: Hena na obetumi ayi me asi fam?


Na ɔba no buae sɛ: Merenkɔ! Na akyiri yi, ɔsesaa n'adwene na ɔkɔe.


Na ose: Monhwɛ na wɔannaadaa mo, na nnipa bebree bɛba me din mu abɛka sɛ: Mene no, na afei nso ɛbere no abɛn. Na enti munnni wɔn akyi!


Yesu buaa wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ, obiara a ɔyɛ bɔne no yɛ bɔne no akoa.


Na sɛ mo nso moannye Onyankopɔn anni pɛn, na afei wɔafa wɔn gye a wonnye nni no so ahu mo mmɔbɔ no,


Enti mommma bɔne nnni mo nipadua a ebewu no mu hene, sɛ mubetie no n’akɔnnɔ mu;


Na aseda nka Onyankopɔn, sɛ moayɛ bɔne nkoa pɛn, na afei mufi koma mu abrɛ mo aso ase ama nkyerɛkyerɛ sonowonko na wɔde mo ahyɛ mu no.


Na afei woayi mo ho afi bɔne mu na mosom Onyankopɔn yi, mowɔ aba a ɛde kɔ ahotew mu na n’awiei ne daa nkwa.


Na yenim eyi sɛ wɔabɔ yɛn nipa dedaw ne no asɛnnua mu, sɛ bɔne no nipadua nwu, na yɛansom bɔne bio;


Na misuro sɛ ebia meba a, meremmɛto mo sɛnea mepɛ, na me nso morenhu me sɛnea mopɛ, ebia ntɔkwako, ahoɔyaw, abufuw, asikan, nsekudi, wesewese, ɔhantan, sakasakayɛ wɔ mo mu;


Na sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ obi wɔ bere ko a ɔnyɛ obiara a, ɔdaadaa ne ho.


Na mo nso a anka moyɛ atuatewfo ne atamfo, adwene fam ne nnwuma bɔne mu no,


ɛno na kan a mote mu no, mo nso monantew mu.


Na nnipa bɔne asisifo bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu, wɔdaadaa na wɔadaadaa wɔn nso.


Na eyinom mu bi ne wɔn a wɔnam ase hyɛnhyɛn afi mu, na wɔfa mmeawa a bɔne adɔre ahyɛ wɔn so a akɔnnɔ horow keka wɔn


Wɔka se wonim Nyankopɔn, nanso wɔde wɔn nnwuma pa no. Wɔyɛ akyiwadeyɛfo ne asoɔdenfo, na wɔmfra mma adwuma pa biara.


Atetew yɛn sɛ, sɛ, yɛapa mmusubɔ ne wiase akɔnnɔ a, yɛmfa adwenemtew ne trenee ne onyamesom pa ntena wiase bere yi mu


Sɛ obi susuw sɛ ɔyɛ onyamesomfo, na wanto ne tɛkrɛma nnareka, na mmom ɔdaadaa ne kra na, saa onipa yi nyamesom yɛ ɔkwa.


Monyɛ sɛ asoɔmmerɛw mma, na monnyɛ mo ho sɛnea kan a munnim biribiara no mo akɔnnɔ te no,


Na wotuu ɔtweaseɛ kɛse no, ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no, fii hɔ tow no kyenee asase so, na wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui.


Na nsɛnkyerɛnne a wɔde maa no sɛ ɔnyɛ aboa no anim no nti, ɔdaadaa wɔn a wɔtete asase so no ka kyerɛ asase sotefo no sɛ wɔnyɛ ohoni mma aboa a nkrante apira no na ɔte ase bio no.


Na ɔde nne a emu yɛ den teɛɛm sɛ: Wahwe ase, Babel kɛse no ahwe ase, na adan ahonhommɔne tenabea ne ahonhom fi nyinaa atɛwee ne nnomaa a wɔyɛ fi na wokyi wɔn nyinaa atɛwee.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan