Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Tito 1:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Paulo, Onyankopɔn akoa, ne Yesu Kristo somafo, ma wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no gyidi ne onyamesom pa ho nokware no nimdeɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Paulo, Nyankopɔn akoa ne Yesu Kristo somafoɔ ma wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn gyidie ne onyamesom pa ho nokorɛ no nimdeɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Saa nhoma yi fi Onyankopɔn somfo ne Yesu Kristo somafo Paulo nkyɛn. Wɔpaw me na wɔsomaa me se memmɛtrɛw nnipa a Onyankopɔn ayi wɔn no gyidi mu no, na menkyerɛkyerɛ wɔn nokwasɛm a ɛde onyamesuro ba

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Paulo, Nyankopɔn akoa ne Yesu Kristo somafoɔ ma wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn gyidie ne onyamesom pa ho nokorɛ no nimdeɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Nwoma yi firi Onyankopɔn ɔsomfoɔ ne Yesu Kristo somafoɔ Paulo nkyɛn. Wɔyii me na wɔsomaa me sɛ memmɛboa nhyɛ nnipa a Onyankopɔn ayi wɔn no gyidie mu den na menkyerɛkyerɛ wɔn nokwasɛm a ɛde nyamesuro ba,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Paulo, Onyankopɔn akoa, ne Yesu Kristo somafo, ma wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no gyidi ne onyamesom pa ho nokware no nimdeɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Tito 1:1
23 Iomraidhean Croise  

Na Aaron ne ne mma ne wɔn a wɔhyew afɔre ɔhyew afɔremuka ne aduhuamhyew muka no so, wɔyɛ kronkronbea adwuma no nyinaa, na wɔpata ma Israel sɛ Onyankopɔn akoa Mose hyɛe no ara.


Na sɛ Onyankopɔn, tɔ ne bo ase kyɛ wɔn ho nso a, ɔremmu ntɛn nnye wɔn a wapaw wɔn a wosu frɛ no awia ne anadwo no anaa?


Na amanaman mufo no tee no, wɔn ani gyei, na wɔhyɛɛ Awurade asɛm no anuonyam. Na dodow a wɔayi wɔn ama daa nkwa no gye dii.


Paulo, Yesu Kristo akoa, a wɔfrɛɛ no sɛ ɔmmɛyɛ ɔsomafo na wɔayi no asi hɔ ama Onyankopɔn asɛmpa


Paulo a ɔnam Onyankopɔn pɛ so yɛ Yesu Kristo somafo ne onua Timoteo de kɔma Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto ne ahotefo nyinaa a wɔwɔ Akaia man nyinaa mu.


Na adom na wɔde nam gyidi so agye mo nkwa, emfi mo ankasa, ɛyɛ Onyankopɔn akyɛde,


Paulo ne Timoteo, Kristo Yesu nkoa, de kɔma Kristo Yesu mu ahotefo a wɔwɔ Filipi nyinaa ne ahwɛfo ne asomfo:


sɛ wonnya nea ɛka wɔn koma to wɔn yam, ɛne sɛ wɔnyɛ biako ɔdɔ mu nnya ntease a wɔasi so dua ahonya nyinaa, na wɔahu Onyankopɔn ahintasɛm a ɛne Kristo no mu.


a ɔpɛ sɛ wogye nnipa nyinaa nkwa na wɔba nokware nimdeɛ mu no ani.


Na ade a wɔpae mu ka sɛ ɛso ne onyamesom pa ahintasɛm no: Onyankopɔn yii ne ho adi ɔhonam mu, wobuu no bem honhom mu, oyii ne ho kyerɛɛ abɔfo, wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu, wogyee no dii ewiase, wɔfaa no kɔɔ ɔsoro, anuonyam mu.


Sɛ obi kyerɛ, nkyerɛkyerɛ foforo na wampene yɛn Awurade Yesu Kristo nsɛm a eye no ne nkyerɛnkyerɛ a ɛde kɔ onyamesom pa mu a,


Eyi nti metɔ me bo ase amane nyinaa mu, wɔn a wɔapaw wɔn no nti, na wɔn nso anya nkwagye a ɛwɔ Kristo Yesu mu no ne daa anuonyam.


Na nkwasea akyinnyegye a wɔmfa nsua hwee no de, gu, efisɛ wunim sɛ ɛde ntɔkwaw ba.


na ɔde odwo kasa kyerɛ wɔn a wɔne no di asi wɔ nsɛm mu, sɛ ebia Onyankopɔn bɛma wɔn adwensakra akɔ nokware no hu mu,


Yakobo, Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo akoa, kyerɛw kɔma mmusuakuw dumien a wɔahwete no sɛ: Anigye nka mo.


Sɛnea ne Nyankopɔn fam ahoɔden de nneɛma a ɛfa nkwa ne onyamesom pa ho nyinaa akyɛ yɛn, nea ɔnam anuonyam ne mmaninyɛ so afrɛ yɛn no ho nimdeɛ mu.


Enti sɛ eyinom nyinaa bɛsɛe a, nnipa bɛn na ɛsɛ sɛ moyɛ wɔ abrabɔ kronkron ne onyamesom pa mu,


Obiara a ɔpo ɔba no, onni Agya no nso, na nea ɔpaem bɔ Ɔba no din no wɔ Agya no nso.


Yesu Kristo adiyi a Onyankopɔn de maa no sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa nea etwa sɛ ɛba ntɛm, na ɔnam ne bɔfo so de bɛkyerɛɛ n’akoa Yohane


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan