Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 13:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na ɛda no, asafo Awurade asɛm ni, metwitwa abosonhuhuw din afi asase no so, na wɔrenkae bio; nanso mɛma adiyifo no ne efi honhom no afi asase no so akɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na ɛda no, asafo AWURADE asɛm nie, mɛtwitwa abosonhuhuo din afiri asase no so, na wɔrenkae bio; nanso mɛma adiyifoɔ no ne afi honhom no afiri asase no so akɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 “Saa da no, meyi ahoni no din afi asase no so, na wɔrenkae wɔn bio,” sɛnea Asafo Awurade se ni. “Meyi adiyifo ne fi honhom afi asase no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɛda no, asafo AWURADE asɛm nie, mɛtwitwa abosonhuhuo din afiri asase no so, na wɔrenkae bio; nanso mɛma adiyifoɔ no ne afi honhom no afiri asase no so akɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 “Saa ɛda no, mɛyi ahoni no din afiri asase no so, na wɔrenkae wɔn bio,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Mɛyi adiyifoɔ ne efiyɛ honhom afiri asase no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɛda no, asafo Awurade asɛm ni, metwitwa abosonhuhuw din afi asase no so, na wɔrenkae bio; nanso mɛma adiyifo no ne efi honhom no afi asase no so akɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 13:2
40 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Wode dɛn? Na ose: Mefi makɔyɛ atoro honhom n’adiyifo nyinaa anom. Na ɔkae sɛ: Wobɛdaadaa no na wubetumi nso; fi kɔ na kɔyɛ saa.


Wɔn a wodi anyame afoforo akyi no, wɔma wɔn yaw dɔɔso. Merenhwie wɔn mogya ahwiesa no bi, na meremfa m’ano memmɔ wɔn din.


Sɛ ɔtetew na aboa bi tetew no a, ɔmfa mmra mmedi adanse; na ɔnnhyɛ nea wɔatetew no no ananmu.


Nea maka mo nyinaa, munni so. Na anyame foforo din nso, mommmɔ, mommma wɔnnte wɔ mo anom.


Na abosonhuhuw no betu ayera koraa.


Ɛda no nnipa bɛtow ne dwetɛ abosonhuhuw ne ne sika abosonhuhuw a wɔyɛ maa no a ɔresom no no akyene ama akisi ne mpan,


esiane sɛ wɔadi nkwaseasɛm Israel, na wɔafofa wɔn mfɛfo yerenom, na wɔaka me din mu atosɛm a menhyɛɛ wɔn ɛ, na me na minim, na mene dansefo, AWURADE asɛm ni.


Na adehu hunu biara ne atoro nkɔmhyɛ bi rentena Israel fi bio.


morenhu anisoade huhuw bio, na nkɔm nso morenhyɛ bio; na meyi me man afi mo nsam, na moahu sɛ mene AWURADE.


Na sɛ odiyifo no ma wɔdaadaa no na ɔka asɛm bi a, ɛnne me, AWURADE, na madaadaa odiyifo ko no, na mɛteɛ me nsa wɔ no so asɛe no afi me man Israel mu,


Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mɛsɛe ahoni huhuw no na matwa abosonhuhuw no to mafi Memfis, na ɔbirɛmpɔn remfi Misraim asase so mma bio, na mɛma ehu aba Misraim asase so.


Na mede nsu kurunnyen mɛpete mo so na mo ho atew. Mo ho fi nyinaa ne mo abosonhuhuw nyinaa mu na mɛtew mo ho afi,


Na megye mo afi mo fi nyinaa mu, na mɛfrɛ aduan ma adɔɔso, na meremfa ɔkɔm bi memma mo so,


na wɔremfa wɔn abosonhuhuw ne wɔn atantanne ne wɔn mmaratode nyinaa ngu wɔn ho fi bio, na megye wɔn nkwa, wɔn tenabea nyinaa a wɔayɛ hɔ bɔne no, na matew wɔn ho, na wɔayɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, m’ahengua sibea ne m’anammɔn agyinae a mɛtena hɔ, Israelfo mu akosi daa ni! Na Israel fi renhura me din kronkron ho bio, sɛ wɔn ne wɔn ahene de wɔn aguamammɔ ne wɔn ahene afunu yɛe no, wɔn sorɔnsorɔmmea so


Mo tenabea nyinaa nkurow bɛdan amamfo, na sorɔnsorɔmmea no bɛdan ahodwiriwde, sɛnea ɛbɛyɛ na mo afɔremuka adan afo ne ahodwiriwde, na wɔabubu mo abosom ahoni asɛe no, na wɔatwitwa mo wia adum, na wɔagu mo nneyɛe no.


Efraim, asɛm bɛn na me ne ahoni wɔ bio? Me de, megye no so, na m’ani aku ne ho, me a mete sɛ ɔpopaw frɔmfrɔm, me so na wobehu w’aba.


Na meyi Baal ahorow din mafi n’anom, na wɔremfa wɔn din nkae wɔn bio.


Na megye wo aware mafa akosi daa, na megye wo aware mafa trenee ne atemmu ne adɔe ne mmɔborohunu so,


Sɛ obi a ɔnam keka ahuhusɛm na ɔdaadaa di atoro ka sɛ: Mɛka wo bobesa ne mmorosa ho adiyisɛm, a ɔno na ɔbɛyɛ ɔman yi adiyisɛnkafo!


Awurade ho bɛyɛ wɔn hu, efisɛ ɔbɛma asase so anyame nyinaa ayera; na aman no mu biara befi ne tenabea aba, nsuano aman nyinaa, na wɔabɛsɔre no.


Sɛ honhom fi no fi onipa no mu a, okokyinkyin nkyerekyerewa so hwehwɛ ɔhome, na onnya bi.


Na monhwɛ mo ho yiye atoro adiyifo ho, na wɔnam nguanten nhoma mu ba mo nkyɛn, na wɔn mu de, wɔyɛ mpataku adifudepɛfo.


Na sɛ mede Nyankopɔn nsatea mitu ahonhommɔne a, ɛnne na Onyankopɔn ahenni aba mo so.


na munnwiriw wɔn afɔremuka, na mummubu wɔn abo adum, na momfa ogya nhyew wɔn Asera nnua, na mommobɔ wɔn anyame ahoni, na monsɛe wɔn din mfi hɔ.


Na odiyifo a ɔbɛma ne ho so aka asɛm bi, me din mu, a menhyɛɛ no sɛ ɔnka ne nea ɔbɛkasa anyame foforo din mu no, odiyifo ko no bewu.


na moankɔ amanaman a akeka mo ho yi mu; na mommmɔ wɔn anyame din, na monnka wɔn ntam, na monnsom wɔn, na monnsɔre wɔn,


Na ɔde nne a emu yɛ den teɛɛm sɛ: Wahwe ase, Babel kɛse no ahwe ase, na adan ahonhommɔne tenabea ne ahonhom fi nyinaa atɛwee ne nnomaa a wɔyɛ fi na wokyi wɔn nyinaa atɛwee.


Na wɔkyeree aboa no ne diyifo atorofo no nso a ɔyɛɛ n’anim nsɛnkyerɛnne de daadaa wɔn a wogyee aboa no agyirae ne wɔn a wɔkotow ne honi no kaa ne ho. Wɔtow wɔn baanu yi animono guu ogya tare a sufre dɛw mu no mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan