Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 1:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo Awurade se ni: Monsan mmra me nkyɛn, na mɛsan maba mo nkyɛn, asafo Awurade na ose.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Monsane mmra me nkyɛn, na mɛsane maba mo nkyɛn, asafo AWURADE na ɔseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Enti ka kyerɛ nkurɔfo no se: Sɛɛ na Asafo Awurade se: ‘Monsan mmra me nkyɛn, na mɛsan aba mo nkyɛn,’ nea Asafo Awurade se ni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Monsane mmra me nkyɛn, na mɛsane maba mo nkyɛn, asafo AWURADE na ɔseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Enti, ka kyerɛ nkurɔfoɔ no sɛ: Sei na Asafo Awurade seɛ: ‘Monsane mmra me nkyɛn, na mɛsane aba mo nkyɛn,’ deɛ Asafo Awurade seɛ nie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo Awurade se ni: Monsan mmra me nkyɛn, na mɛsan maba mo nkyɛn, asafo Awurade na ose.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 1:3
33 Iomraidhean Croise  

na ofii adi kohyiaa Asa, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Asa ne Yuda ne Benyamin nyinaa, muntie me. AWURADE ne mo te, sɛ mo ne no te yi. Na sɛ mohwehwɛ no a, ɔbɛma moahu no, na sɛ mugyaw no a, obegyaw mo.


Na wɔn ahohia mu, wɔsan baa AWURADE Israel Nyankopɔn nkyɛn bɛhwehwɛɛ no no, ɔma wohuu no.


Na wonyaa asomdwoe pɛ no, wɔsan kɔyɛɛ w’anim bɔne; na wugyaw wɔn mu de wɔn hyɛɛ wɔn atamfo nsa, na wodii wɔn so. Ɛnna wɔsan su frɛɛ wo; na wo nso wufi soro tiee wɔn, na wuyii wɔn sɛ wo mmɔborohunu bebree no te, bere horow mu.


Sɛ wosan kɔ Otumfo nkyɛn a, wɔde wo besi hɔ, sɛ anka wubeyi abusude afi wo ntamadan mu akɔ akyirikyiri a,


Monsan mmra nea Israel mma wae fii ne ho no nkyɛn.


Mapopa wo mmarato sɛ omununkum, ne wo bɔne sɛ suwusiw. San bra me nkyɛn, na magye wo.


Na matu wɔn no, akyi no, mɛsan mahu wɔn mmɔbɔ, na mede wɔn nyinaa masan maba wɔn agyapade mu ne wɔn asase so mmiako mmiako.


Wose: Monsan mfi mo akwammɔne so ne mo nsɛnnii bɔne mu, na moatena asase a AWURADE de ama mo ne mo agyanom no so afi daapem akosi daapem.


Wose: Sɛ ɔbarima bi ko ne yere, na ofi ne nkyɛn kɔyɛ ɔbarima foforo de a, so ɔbɛsan aba ne nkyɛn bio anaa? Anka ɛnyɛ efi na ɛbɛka asase no anaa? Na wo de wo ne adɔfo pii abɔ aguaman de, nanso san bra me nkyɛn! AWURADE asɛm ni.


Monsan mo akyi, mma akyirisanfo, mɛsa mo akyirisan no. Hwɛ, yɛn ni, yɛreba wo nkyɛn, na wone AWURADE, yɛn Nyankopɔn.


Na masoma me nkoa, adiyifo no, nyinaa maba mo nkyɛn, mitua ahema mesoma wɔn sɛ: Monsan ɛ, mo nyinaa mfifi mo akwammɔne so, na monyɛ mo nsɛnnii yiye, na munnni anyame foforo akyi nnsom wɔn, na montena asase a mede memaa mo ne mo agyanom no so. Na moammrɛ mo aso ase, na moantie me.


Israel, sɛ wosan w’akyi a, AWURADE asɛm ni, me nkyɛn na san bra. Na sɛ wuyi w’akyide fi m’anim a, worenhinhim,


Na moka sɛ: Ɛdɛn nti na ɔba nsoa n’agya amumɔyɛ bi? Na sɛ ɔba no ayi atemmude ne atreneede adi m’ahyɛde nyinaa so ayɛ a, nkwa na obenya.


Montotow mo mmaratode a mode too mmara no nyinaa mfi mo so ngu, na monyɛ koma foforo ne honhom foforo mfa. Na ɛdɛn nti na morewu yi, Israel fi?


Na minnya nea ɔrewu no wu ho anigye, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni; enti monsan, na mummenya nkwa.


Ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mete ase yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, ampa ara, ɔbɔnefo wu nyɛ me fɛ, na mmom sɛ ɔbɔnefo bɛsan afi ne kwan so na wanya nkwa. Monsan, monsan mfi mo akwammɔne so! Ɛdɛn nti na morewuwu yi, Israel fi?


Israel, san bra AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn; na w’amumɔyɛ nti woahwe ase.


Mɛsa wɔn nsanakyiri mu yare, meyi me yam madɔ wɔn, na m’abufuw adan afi no so.


Mommra mma yɛnsan nkɔ AWURADE nkyɛn, na ɔno na watetew yɛn mu na ɔbɛsa yɛn yare, ɔno na wabobɔ yɛn na ɔbɛkyekyere yɛn.


Na afei nso, AWURADE na ose, monsan mmra me nkyɛn, mo koma nyinaa ne abuadadi ne osu ne adwotwa mu.


Efi mo agyanom bere so na mosan fii m’ahyɛde ho na moanni so. Monsan mmra me nkyɛn, na mɛsan maba mo nkyɛn, asafo Awurade na ose. Na moka se: Dɛn mu na yɛnsan?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan