Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 99:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Wobeyi wo din kɛse a ɛho yɛ hu no ayɛ, ɔno na ɔyɛ kronkron.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Wɔbɛyi ne din kɛseɛ a ɛho yɛ hu no ayɛ, ɔno na ɔyɛ kronkron.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ma wɔnkamfo wo din a ɛso na ɛyɛ nwonwa no, ɔyɛ ɔkronkron.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Wɔbɛyi ne din kɛseɛ a ɛho yɛ hu no ayɛ, ɔno na ɔyɛ kronkron.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ma wɔnkamfo wo din a ɛso na ɛyɛ nwanwa no. Ɔyɛ kronkron.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Wobeyi wo din kɛse a ɛho yɛ hu no ayɛ, ɔno na ɔyɛ kronkron.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 99:3
20 Iomraidhean Croise  

na mise: Ao, AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn, Onyankopɔn kɛse a ne ho yɛ hu a wokora apam ne adɔe ma wɔn a wɔdɔ wo ne wɔn a wodi wo mmara nsɛm so no!


Na mekɔhwɛe, na mesɔree, na misee mmakoma ne mpanyimfo ne ɔman no nkae sɛ: Munnsuro wɔn anim, AWURADE kɛse a ne ho yɛ hu no mmom na monkae no, na monko mma mo nuanom ne mo mmammarima ne mo mmabea ne mo yerenom ne mo afi.


Na afei, yɛn Nyankopɔn, Onyankopɔn kɛse, otumfo a wo ho yɛ hu a wokora apam ne adɔe; mma ɔbrɛ a ɛtoo yɛn ne yɛn ahene ne yɛn mmapɔmma ne yɛn asɔfo ne yɛn adiyifo ne yɛn agyanom ne wo man nyinaa ara, efi Asaria ahene bere so de besi nnɛ da yi no nyinaa nnyɛ w’anim ketewa.


Na Lewifo no, Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabnia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia kae sɛ: Monsɔre nhyira AWURADE mo Nyankopɔn mfi daa nkosi daa, na wonhyira w’anuonyam din a woama so atra nhyira ne ayeyi nyinaa so no.


Momfa aseda nhyɛn n’aponkɛse mu, na momfa ayeyi mmra n’abangua so. Monna no ase, munhyira ne din.


Me kra, hyira AWURADE, na me mu ade nyinaa nhyira ne din kronkron.


Wasoma ogye abrɛ ne man, wahyɛ n’apam de kosi daa, ne din yɛ kronkron, na ɛho yɛ hu.


AWURADE teɛ, n’akwan nyinaa mu, na ɔyɛ adɔe ne nnwuma nyinaa mu.


Munse Onyankopɔn sɛ: Wo nnwuma yɛ hu ampa. Wo tumi kɛse nti w’atamfo bɛkotow wo.


Yuda mu na wɔahu Nyankopɔn, ne din so Israel mu.


Ohuw atumfo home gu, ne ho yɛ asase ahene hu.


Na oyi teɛm kyerɛ oyi sɛ: Kronkron, kronkron, kronkron ne asafo AWURADE! N’anuonyam ahyɛ asase nyinaa ma.


Na AWURADE gyina m’akyi sɛ dɔmmarima a ne ho yɛ hu ɛno nti m’atiwfo bɛhwehwe ase, na wɔrentumi. Wɔn ani bewuwu sɛ, efisɛ ansi wɔn yiye, ɛyɛ daa nsopa a werɛ remfi da.


Na afei minni wiase bio, na eyinom na ɛwɔ wiase, na me de, mereba wo nkyɛn. Agya kronkron, wɔn a wode wɔn ama me no, fa wɔn sie wo din mu, na wɔayɛ biako sɛ yɛn.


Sɛ worenhwɛ nyɛ mmara yi mu nsɛm a wɔakyerɛw nhoma yi mu nyinaa, na worensuro din a ɛwɔ anuonyam na ɛho yɛ hu yi a ɛne AWURADE wo Nyankopɔn no a,


Mma wɔn anim nnyɛ wo hu, na AWURADE wo Nyankopɔn wɔ wo mu, Onyankopɔn kɛse a ne ho yɛ hu ne no.


Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Morentumi nsom AWURADE, efisɛ ɔyɛ Onyankopɔn kronkron, Onyankopɔn ninkufo ne no, ɔremfa mo mmarato ne mo bɔne nkyɛ mo.


Na ateasefo baanan no mu biara wɔ ntaban asia, na aniwa ahyehyɛ wɔn ho ne wɔn mu mama, na wɔto dwom daa awia ne anadwo sɛ: Kronkron, kronkron, kronkron ne Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfo a ɔtenaa hɔ, na ɔwɔ hɔ, na ɔrebɛba.


Obiara nyɛ kronkron sɛ AWURADE, na obiara nni w’akyi, na ɔbotan bi nni hɔ sɛ yɛn Nyankopɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan