Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 92:3 - KYERƐW KRONKRON

3 sankuhan du ne bɛnta sanku so, sanku ho adwempa dwom mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 sankuhan du ne bɛnta so, sankuo ho adwempa dwom mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 wɔ hama du sanku so ne sankuten nnwom mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 sankuhan du ne bɛnta so, sankuo ho adwempa dwom mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 wɔ ahoma edu sankuo so ne sankuten nnwom mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 sankuhan du ne bɛnta sanku so, sanku ho adwempa dwom mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 92:3
17 Iomraidhean Croise  

Na Dawid ne Israel nyinaa gorui Onyankopɔn anim, wɔde ahoɔden nyinaa ne nnwom ne asanku ne mmɛnta asanku ne mpintin ne nnawuru ne ntorobɛnto.


Na Dawid ka kyerɛɛ Lewifo asafohene no sɛ wɔmma wɔn nuanom nnwontofo no nkurakura nnwonto ade, mmɛnta asanku, mmɛn ne asankuten ne nsammɔ nnawuru nnyinagyina hɔ mma wɔnte wɔn nka na wɔmma wɔn nne so anigye mu.


Na wonnyina hɔ anɔpa daa nna ase nyi AWURADE ayɛ, na anwummere nso saa ara,


Eyinom nyinaa hyɛ wɔn agyanom ase AWURADE fi dwonto no mu kurakura nnawuru ne mmɛnta asanku ne nsankuten som Onyankopɔn fi, wɔ ɔhene no, Asaf ne Yedutun ne Heman ase.


Na wokurakura mmɛnta asanku ne asankuten ne ntorobɛnto baa Yerusalem bɛhyɛn AWURADE fi.


na nkyɛmu biako ntena ɔhene fi, na nkyɛmu biako nso ntena nnyinaso pon no ano na ɔman no nyinaa ntena AWURADE fi abangua no so.


Na ɔde Lewifo no gyinagyinaa AWURADE fi, wokurakura nnawuru ne mmɛnta asanku ne asankuten sɛ Dawid ne ɔhene no dehwɛfo Gad ne odiyifo Natan hyɛe no; efisɛ AWURADE nam n’adiyifo so na ɔhyɛe.


Na wɔrebedwira Yerusalem fasu no, wɔhwehwɛɛ Lewifo no fi wɔn tenabea nyinaa, sɛ wɔde wɔn reba Yerusalem, na wɔde aseda ne nnwom, nnawuru, mmɛnta asanku ne asankuten adi odwiratwa no anigye mu.


Ma wɔmfa asaw nyi ne din ayɛ, ma wɔmfa mpintin ne asanku nto dwom mma no.


Momfa sanku nna AWURADE ase, momfa sanku a ɛso hama du nto no dwom!


Mɛka makyerɛ Onyankopɔn, me botan no, sɛ: Adɛn nti na wo werɛ afi me? Adɛn nti na ɔtamfo hyɛ a ɔhyɛ me so nti memfa awerɛhow mennantew?


M’anuonyam, nyan, bɛnta sanku ne sankuten, nyan, me nso menyan adekyeehema.


Nnwontofo di kan, asankubɔfo di akyiri, mmabaa a wɔka mpintin ntam.


AWURADE ayi ne ho adi, wabu atɛn, ɔde ɔbɔnefo nsam nneyɛe atoatoa no.


Ɛno akyi no, wubedu Gibeat-elohim, wɔ nea Filistifo bansifo wɔ no; na sɛ wudu kurow no mu hɔ a, wubehyia adiyifo asafo a wɔresian afi sorɔnsorɔmmea hɔ, na bɛnta sanku ne mpintin ne mmɛn ne asanku di wɔn anim, na wɔrehyɛ nkɔm.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan