Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 9:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Megye m’ani na madi ahurusi wɔ wo mu, mɛto wo a wowɔ sorosoro no din ho ayeyi dwom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Mɛgye m’ani na madi ahurisie wɔ wo mu, mɛto wo a wowɔ sorosoro no din ayeyie dwom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Mɛma mʼani agye na madi ahurusi wɔ wo mu. Mɛto ayeyi dwom ama wo din, Ɔsorosoroni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Mɛgye m’ani na madi ahurisie wɔ wo mu, mɛto wo a wowɔ sorosoro no din ayeyie dwom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Mɛma mʼani agye na madi ahurisie wɔ wo mu. Mɛto ayɛyie dwom ama wo din, Ao Ɔsorosoroni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Megye m’ani na madi ahurusi wɔ wo mu, mɛto wo a wowɔ sorosoro no din ho ayeyi dwom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 9:2
18 Iomraidhean Croise  

Mede me koma nyinaa mɛda wo ase O, AWURADE, mɛto wo dwom wɔ anyame no anim.


sɛ merema wɔate m’aseda dwom, na maka w’anwonwade nyinaa.


Na afei ɔbɛma me ti so, m’atamfo a wɔatwa me ho ahyia no so, na mabɔ ne ntamadan mu ayeyi afɔre, na mato AWURADE sanku dwom.


AWURADE ne m’ahoɔden ne me kyɛm. Mede me koma mato no so, na waboa me, enti me koma ho asan no, na mede me dwom meda no ase.


Na makɔ Onyankopɔn afɔremuka ho, na mede ahurusi ne anigye mmoroso akɔ Nyankopɔn nkyɛn, na mede sanku mada wo ase, Onyankopɔn, me Nyankopɔn.


Na ma wɔn a woguan toa wo nyinaa ani nnye, na wɔmfa ahosan nhuro daa, efisɛ woakata wɔn so, na ma wɔn a wɔdɔ wo din no ani nka wo ho.


Mɛda AWURADE ase sɛnea ne trenee te, na mato ayeyi dwom mama AWURADE a ɔwɔ sorosoro no din.


na wonhu sɛ wo a wo din de AWURADE no, wo nko ara ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so.


O Awurade, me Nyankopɔn, mede me koma nyinaa mɛda wo ase, na mahyɛ wo din anuonyam daa,


Eye sɛ wɔda AWURADE ase na wɔto dwom ma wo din, ɔsorosoroni,


Na wo, AWURADE, woma m’ani gye wo nneyɛe ho, wo nsa ano nnwuma ho na medi ahurusi.


Monka n’anuonyam, amanaman mu, n’anwonwade, aman nyinaa mu.


Treneefo, mo ani nnye AWURADE ho, na munyi ne din kronkron ayɛ.


Na wo AWURADE ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so, wɔama wo so koraa, wɔ anyame nyinaa so.


Ao, ɔhene, ɔsorosoro Nyankopɔn de ahenni ne kɛseyɛ ne nidi ne anuonyam maa w’agya Nebukadnesar,


Momma mo ani nnye Awurade mu daa! Meka no bio sɛ: Momma mo ani nnye!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan