Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 81:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Monhyɛn torobɛnto ɔsram foforo so, ɔsram korokumatwa mu, mma yɛn afahyɛ da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Monhyɛne totorobɛnto ɔsrane foforɔ so, ɔsrane korokumatwa mu, mma yɛn afahyɛ da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Monhyɛn mmentia ɔsram foforo da no, ne ne kurokumatwa mu, yɛn Aponto da no;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Monhyɛne totorobɛnto ɔsrane foforɔ so, ɔsrane korokumatwa mu, mma yɛn afahyɛ da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Monhyɛne mmɛntia ɔsrane foforɔ da no, ne ɔsrane korokumatwa mu, yɛn Apontoɔ da no;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Monhyɛn torobɛnto ɔsram foforo so, ɔsram korokumatwa mu, mma yɛn afahyɛ da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 81:3
23 Iomraidhean Croise  

Na ɔkae sɛ: Ɛdɛn nti na wopɛ sɛ wokɔ ne nkyɛn nnɛ yi? Ɛnyɛ ɔsram foforo, na ɛnyɛ homeda. Na ose: Ɛwom.


Na Dawid ka kyerɛɛ Lewifo asafohene no sɛ wɔmma wɔn nuanom nnwontofo no nkurakura nnwonto ade, mmɛnta asanku, mmɛn ne asankuten ne nsammɔ nnawuru nnyinagyina hɔ mma wɔnte wɔn nka na wɔmma wɔn nne so anigye mu.


Na nnwontofo Heman, Asaf ne Etan bɔɔ kɔbere nnawuta ma wɔtee nka,


Na Sebania ne Yosafat ne Netanel ne Amasai ne Sakaria ne Benaia ne Eliesa, asɔfo no, ne ntorobɛntohyɛnfo a wɔhyɛn ntorobɛnto, Onyankopɔn adaka no anim. Na Obed-edom ne Yehia ne adaka no aponanohwɛfo.


na Heman ne Yedutun ka wɔn ho kura ntorobɛnto ne nsammɔ nnawuru a wɔma egyigye, ne nneɛma a wɔde to Onyankopɔn dwom. Na Yedutun mma de, wɔwɔ ɔpon ano.


Na Benaia ne Yahasiel, asɔfo no hyɛn ntorobɛnto daa di Onyankopɔn apam adaka no anim.


Nso Dawid ne dɔm so asafohene no yiyii Asaf ne Heman ne Yedutun mma no mu wɔn a wɔnsom mfa nsankuten ne mmɛnta asanku ne nnawuru nhyɛ nkɔm. Na nnipa a wɔyɛ adwuma no sɛ wɔn som te no dodow ni:


Na hwɛ, Onyankopɔn ka yɛn ho di ti, ne n’asɔfo ne osebɔ ntorobɛnto, sɛ wɔde bɛbɔ ose ahyɛ mo. Israel mma, mo ne AWURADE, mo agyanom Nyankopɔn no, nnko, na ɛrensi mo yiye.


Na Yuda dannan wɔn ani no, na hwɛ, dɔm no wɔ anim ne akyi. Ɛnna wɔteɛɛm frɛɛ AWURADE, na asɔfo no hyenhyɛn ntorobɛnto.


hwɛ, me nso merebesi ofi mama AWURADE me Nyankopɔn din, na ayɛ kronkron ama no, na wɔahyew aduhuam a ɛyɛ huam n’anim, na wɔasiesie Kyerɛ Abodoo daa, na wɔabɔ ɔhyew afɔre daa anɔpa ne anwummere ne home nna ne asram foforo ne AWURADE yɛn Nyankopɔn afahyɛ ase. Eyi ne Israel atɔremude de kosi daa.


na Lewifo nnwontofo no a wɔhyɛ Asaf, Heman, Yedutun ne wɔn mma ne wɔn nuanom ase no, nyinaa hyehyɛ nwera fɛfɛ kurakura nnawuru ne mmɛnta asanku ne nsankuten gyinagyina afɔremuka no apuei fam, na asɔfo ɔha aduonu ka wɔn ho rehyɛn ntorobɛnto.


sɛnea ehia da biara na ɔbɔ ɔhyew afɔre no, sɛnea Mose hyɛe no, home nna de ne asram foforo de; ne afahyɛ ahorow abiɛsa a wɔhyɛ no afe biara a ɛne: Apiti nnapɔnna, adapɛn nnapɔnna, ne asese nnapɔnna no mu.


Ma wɔmfa asaw nyi ne din ayɛ, ma wɔmfa mpintin ne asanku nto dwom mma no.


Momfa sanku nna AWURADE ase, momfa sanku a ɛso hama du nto no dwom!


Momfa torobɛnto ne mmɛn nne mmɔ ose, ɔhene AWURADE anim.


Wabu ne sese no agu sɛ turo mu de, wasɛe ne ntamadan; AWURADE ama werɛ afi Sion mu afahyɛ ne homeda, na n’abufuw mu awerɛhow mu wabu ɔhene ne ɔsɔfo animtiaa.


Hwɛ, mmepɔw so na asɛmpakafo nan wɔ, wɔreka asomdwoesɛm. Yuda, di wo nnapɔnna, ma w’aboade, na ohuhuni no remfa wo mu bio, woatwa no akyene koraa.


na morebɔ ogya afɔre a efi anantwi anaa nguan mu ama AWURADE a, sɛ ɛyɛ ɔhyew afɔre anaa okum afɔre a mode reyɛ aboade, anaa ɛyɛ ayamye afɔre anaa mo afahyɛ ase de, sɛ morema ayi hua huamhuam ama AWURADE a,


Na mo asram foforo asefi nso, momfa ɔhyew afɔre mmrɛ AWURADE: anantwinini abien ne odwennini biako, nguanten mma ason a wɔadi afe afe a wodi mu.


Nnansɔn na di dapɔnna no ma AWURADE wo Nyankopɔn faako a AWURADE ayi hɔ: Na AWURADE wo Nyankopɔn behyira wo, wo nnɔbae mu ne wo nsa ano adwuma nyinaa mu; enti ma w’ani nnye ara.


Enti mommma obi mmmu mo atɛn aduan anaa anonne anaa afahyɛ anaa ɔsram foforo anaa home nna fam,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan