Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 72:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Ma ɔmfa trenee nni wo man so, na ɔmfa atemmu nhwɛ w’amanehunufo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Ma no mfa tenenee nni wo man so, na ɔmfa atemmuo nhwɛ w’amanehunufoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔde trenee bebu wo nkurɔfo atɛn, obebu wo nkurɔfo a wɔrehu amane no atɛntrenee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Ma no mfa tenenee nni wo man so, na ɔmfa atemmuo nhwɛ w’amanehunufoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔde tenenee bɛbu wo nkurɔfoɔ atɛn, ɔbɛbu wo nkurɔfoɔ a wɔrehunu amane no atɛntenenee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Ma ɔmfa trenee nni wo man so, na ɔmfa atemmu nhwɛ w’amanehunufo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 72:2
18 Iomraidhean Croise  

Hwɛ, trenee so na ɔhene bi bedi hene, na asafohene nso, atemmu so na wobedi asafohene.


Na mihui sɛ ɔsoro abue, na hwɛ, ɔpɔnkɔ fitaa bi ni, na nea ɔte no so no, wɔfrɛ no Ɔseadeɛyɔ ne Ɔnokwafo, na obu atɛn na otu sa trenee mu.


na trenee no nneyɛe bɛyɛ asomdwoe, na trenee no aba ayɛ komm ne ahotoso akosi daa;


na n’ahenni mu bɛtrɛw, na asomdwoe a enni awiei aba, Dawid ahengua so ne n’ahenni so, na ɔde atemmu ne trenee awowaw no atim no afi sesɛɛ de akosi daa. Asafo AWURADE mmɔdemmɔ na ɛbɛyɛ eyi.


Mmɔborohunufo so hyɛ ne ahiafo apinisi nti mɛsɔre afei, sɛ AWURADE se ni, megye nea ogu ahome repɛ nkwagye no nkwa.


Nea ɔnhwɛ atitiriw anim, na ommu ɔdehye nsen mmɔboroni; efisɛ ne nsa ano adwuma ne wɔn nyinaa.


Nna no mu ne bere no so na mɛma trenee baa afefɛw ama Dawid, na wabu atɛntrenee ayɛ adetrenee asase so.


Israel Nyankopɔn akasa, me na Israel botan no kasa kyerɛɛ me. Nea odi nnipa so a ɔteɛ, nea odi so Onyankopɔn suro mu.


Na Israel nyinaa tee atɛn a ɔhene bui no, wosuroo ɔhene anim, efisɛ wohui sɛ Onyankopɔn nyansa wɔ no mu a ɔde bu atɛn.


Nhyira nka AWURADE wo Nyankopɔn a ɔpɛ w’asɛm na ɔde wo atena Israel ahengua so. Sɛ AWURADE dɔ Israel de rekosi daa nti, na wasi wo hene sɛ yɛ atemmude ne treneede.


Na me ba Solomon nso, ma no koma a edi mu, na ɔnhwɛ wo mmara nsɛm, w’adanse ne w’ahyɛde, na ɔnyɛ ne nyinaa, na ɔnto aban a masiesie ho no.


Ɔhene a obu nokwatɛn ma abrɛfo no, n’ahengua betim daa.


Nea wayera no, mɛhwehwɛ no, na nea wɔapam no no, mɛkɔ makɔfa no aba, na nea wabubu no, mɛkyekyere no, na nea ɔyare no, mɛhyɛ no den; na nea wadɔ srade ne nea ne ho yɛ den no, mɛhwɛ no so; mɛhwɛ wɔn trenee mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan