Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 7:6 - KYERƐW KRONKRON

6 AWURADE, sɔre w’abufuw mu, ma wo ho so tia m’ahohiahiafo anuɔden, na nyan ma me, wo a woahyɛ atemmu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 AWURADE, sɔre w’abufuo mu, ma wo ho so tia m’ahohiahiafoɔ aniɛden, na nyane ma me, wo a woahyɛ atemmuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Sɔre wɔ wʼabufuw mu, Awurade! Sɔre tia mʼatamfo abufuw. Nyan, me Nyankopɔn; hyɛ atɛntrenee mmara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 AWURADE, sɔre w’abufuo mu, ma wo ho so tia m’ahohiahiafoɔ aniɛden, na nyane ma me, wo a woahyɛ atemmuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Sɔre wʼabufuo mu, Ao Awurade! Sɔre tia mʼatamfoɔ abufuo. Nyane, me Onyankopɔn; hyɛ atɛntenee mmara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 AWURADE, sɔre w’abufuw mu, ma wo ho so tia m’ahohiahiafo anuɔden, na nyan ma me, wo a woahyɛ atemmu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 7:6
21 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Absalom ne Israel mmarima nyinaa kae sɛ: Arkini Husai afotu no ye sen Ahitofel de no. Na AWURADE na ahyɛ sɛ wɔmma Ahitofel afotu pa no nyɛ ɔkwa, na AWURADE de bɔne aba Absalom so.


AWURADE di asɛntrenee, na obu atɛn gye wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa.


Mmɔborohunufo so hyɛ ne ahiafo apinisi nti mɛsɔre afei, sɛ AWURADE se ni, megye nea ogu ahome repɛ nkwagye no nkwa.


Menam ahohia mu a, woma me nkwa, woteɛ wo nsa, m’atamfo abufuw so, na wo nifa gye me.


Na ɔtamfo taa me kra, ɔbɔ me nkwa hwe fam, ɔma metena sum mu sɛ wɔn a wowuwui akyɛ.


O AWURADE, sɔre ɛ! Me Nyankopɔn, gye me! Na woabobɔ m’atamfo nyinaa abogye, woabubu abɔnefo se.


AWURADE, wo ne wɔn a wɔne me ham no nham, wo ne wɔn a wɔne me ko no, nko!


Nyan, na sɔre bebu me atɛn, me Nyankopɔn ne m’AWURADE, bedi m’asɛm!


AWURADE, nyan ɛ, adɛn nti na woda? Sɔre ɛ, ntow yɛn nkyene koraa.


Sɔre bɛboa yɛn ɛ, na gye yɛn, w’adɔe nti!


Na wo, AWURADE, asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, nyan bɛhwɛ amanaman nyinaa, nhu amumɔyɛfo nkontompofo mmɔbɔ. Sela


Sɛ ɔdae a wɔaso anyan, na wo, AWURADE, wohwanyan wo ho a, woma ani pa wɔn sunsumaban so.


Ma w’anan so bɛhwɛ daa amamfo no, ɔtamfo asɛe kronkron mu hɔ ade nyinaa.


Na AWURADE nyanee sɛ obi a ofi nna mu, sɛ ɔkatakyi a nsa ma ohuro,


AWURADE asɔre redi asɛm, na wabegyina hɔ rebu aman atɛn;


AWURADE se: Afei mɛsɔre, afei mɛma me ho so, afei wɔbɛma me so.


Na afei, AWURADE, yɛn Nyankopɔn, gye yɛn fi ne nsam, na asase so ahenni nyinaa nhu sɛ wone AWURADE, wo nkutoo korɛ.


Sɔre ɛ, sɔre ɛ, nya ahoɔden, AWURADE basa! Nyan sɛ kan nna no mu, teteete awo ntoatoaso mu. So ɛnyɛ wone nea otwitwaa Rahab na ohwirew asuboa kɛse no mu no?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan