Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 7:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na wɔansunsuan me kra sɛ gyata antetew me a ogyefo bi nni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na wɔansunsuane me kra sɛ gyata antete me mu a ɔgyefoɔ nni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 anyɛ saa a wɔbɛtetew me mu sɛ gyata na wɔatetew me mu asinasin a obiara rentumi nnye me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na wɔansunsuane me kra sɛ gyata antete me mu a ɔgyefoɔ nni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 anyɛ saa a wɔbɛtete me mu sɛ gyata na wɔatete me mu asinasini a obiara rentumi nnye me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na wɔansunsuan me kra sɛ gyata antetew me a ogyefo bi nni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 7:2
18 Iomraidhean Croise  

Na w’afenaa wɔ mmammarima baanu na wɔn baanu no kɔkoe wuram na ɔpatafo bi nni hɔ na obiako bɔɔ obiako ma owui.


Nanso wunim sɛ menyɛ ɔbɔnefo, na obi nni hɔ a obegye wo nsam.


Obuw kokoam, sɛ gyata wɔ ne bon mu, obuw sɛ ne nsa bɛka mmɔboroni, ne nsa ka mmɔborɔfo no twe wɔn ba n’afiri mu.


AWURADE na miguan metoa no, adɛn na muse me kra sɛ: Guan sɛ anomaa kɔ mmepɔw so.


Onyankopɔn, fa me sie, na wo na miguan metoa wo.


Wɔte sɛ gyata a ɔredɛɛdɛɛ apɛ nea obenya no akyere te sɛ gyata ba a ɔtɛw kokoam.


Wɔtɛɛ wɔn anom kyerɛ me sɛ gyata a ɔtetew na ɔbobom.


yɛ aso ma me, yɛ ntɛm gye me. Yɛ me guankɔbea botan, ne srɔnsrɔn so aban sɛ wubegye me nkwa.


Na sɛ merekɔhwe ase nti, wɔn ani gye na wɔbɔ tukuw, nkwahumafo ne nnipa a minnim wɔn bɔ me so tukuw, wɔyaw ara na wonnyae.


Mo a mo werɛ fi Nyankopɔn no, munnwen eyi ho ɛ, na mantetew mo asinasin a ogyefo bi nni hɔ.


Gye me amumɔyɛfo mu, na gye me nkwa fi mogyapɛfo nsam.


Ɔhene abufuw te sɛ gyata mmobom, na n’anisɔ te sɛ wura so bosu.


Midwudwoo me ho mikosii anɔpa, obubuu me nnompe nyinaa sɛ gyata: Worewie me da koro adesae.


Na Gad ho nso, ɔkae sɛ: Nhyira ne nea ɔtrɛw Gad mu; obutuw hɔ sɛ gyatabere, ɔtetew basa ne mpampam;


Na Awurade gyinaa m’akyi, na ɔhyɛɛ me den, na wɔafa me so awie asɛnka no, na amanaman nyinaa ate; na woyii me gyata anom.


Mo ani nna hɔ, monwɛn, efisɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene.


Na ogyefo bi amma, efisɛ ɛne Sidon ware, na wɔne obi bi nni twaka; na ɛda obon a ɛde kɔ Bet-rehob no mu. Na wɔkyekyeree kurow no tenaa mu,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan