Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 69:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Wɔn a wɔtan me kwa dɔɔso sen me ti so nwi, m’asɛefo a wɔyɛ m’atamfo atorofo dɔɔso, nea memfae no, wose mennan memma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Wɔn a wɔtane me kwa dɔɔso sene me tiri so nwi, m’asɛefoɔ a wɔyɛ m’atamfoɔ atorofoɔ dɔɔso, deɛ memfaeɛ no, wɔse mennane memma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Wɔn a wɔtan me kwa no dɔɔso sen me ti so nwi; wɔn a wɔtan me kwa no dɔɔso, wɔn a wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛsɛe me no. Wɔhyɛ me sɛ mennan nea minnwiae no mma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Wɔn a wɔtane me kwa dɔɔso sene me tiri so nwi, m’asɛefoɔ a wɔyɛ m’atamfoɔ atorofoɔ dɔɔso, deɛ memfaeɛ no, wɔse mennane memma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Wɔn a wɔtane me kwa no dɔɔso sene me tiri so nwi; wɔn a wɔtane me kwa no dɔɔso, wɔn a wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛsɛe me no. Wɔhyɛ me sɛ mennane deɛ menwiaaɛ no mma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Wɔn a wɔtan me kwa dɔɔso sen me ti so nwi, m’asɛefo a wɔyɛ m’atamfo atorofo dɔɔso, nea memfae no, wose mennan memma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 69:4
14 Iomraidhean Croise  

Mma m’atamfo atorofo no ani nnnye me ho, mma wɔn a wɔtan me kwa no mmmu me anikyiw!


Na bɔne a wonnim ano atwa me ho ahyia, m’amumɔyɛ aso me mu a ɛmma minhu ade bio, ɛdɔɔso sen me ti so nwi, na me koma agyaw me.


Na hwɛ, wobuw me kra, akokobirifo boaboa wɔn ho ano hyɛ me, AWURADE, ɛnyɛ me mmarato anaa me bɔne nti.


Awerɛhow ama m’ani ayɛ siamoo, ɛso ayɛ wusiwusi, m’ahohiahiafo nyinaa nti.


Na ɛyɛe na asɛm a wɔakyerɛw no wɔn mmara mu no aba mu sɛ: Wɔtan me kwa.


Efisɛ, nea onnim bɔne no, ɔde no yɛɛ bɔne maa yɛn, na yɛayɛ Onyankopɔn trenee wɔ ne mu.


Ɔno na wanyɛ bɔne, nanso wɔanhu nnaadaa n’anom.


Ɔno ankasa na ɔsoaa yɛn bɔne wɔ ne honam mu kɔɔ dua no so sɛ, yɛawu ama nnebɔne a, yɛntena ase mma trenee. Ɔno na wɔde ne mmaa atape asa mo yare.


Efisɛ Kristo nso huu bɔne ho amane prɛko, nea ɔteɛ hu maa wɔn a wɔnteɛ, sɛ ɔde yɛn bɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn. Wokum no ɔhonam mu, na wɔma ɔtenaa ase honhom mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan