Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 69:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Me sufrɛ ama mabrɛ, me menewa mu ayow, mahwɛ me Nyankopɔn kwan ma m’ani abu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Me sufrɛ ama mabrɛ, me mene mu awe, mahwɛ me Nyankopɔn kwan ama m’ani abu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Mafrɛ abrɛ rehwehwɛ mmoa. Me mene mu ayow. Mʼani so ayɛ kusuu, na merehwehwɛ me Nyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Me sufrɛ ama mabrɛ, me mene mu awe, mahwɛ me Nyankopɔn kwan ama m’ani abu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Mafrɛ mabrɛ sɛ mepɛ mmoa. Me mene mu awe. Mʼani so ayɛ kusuu, na merehwehwɛ me Onyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Me sufrɛ ama mabrɛ, me menewa mu ayow, mahwɛ me Nyankopɔn kwan ma m’ani abu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 69:3
18 Iomraidhean Croise  

Na abɔnefo de, wɔn ani so besiw na guankɔbea bɛbɔ wɔn, na wɔn anidaso bɛdan wɔn owu.


Osu nti m’anim abere kɔkɔkɔkɔ, na owu sunsuma da m’anisuatɛtɛ so.


M’ani ayɛ siamoo repɛ wo nkwagye ne wo trenee asɛm no.


W’asɛm nti m’ani ayɛ siamoo. Mise: Da bɛn na wobɛkyekye me werɛ?


M’ahoɔden mu ayow sɛ kyɛmfɛre, na me tɛkrɛma afam me dodom, na wode me ato owu mfutuma mu.


Me Nyankopɔn, meteɛm mefrɛ wo awia, na wummua me, ne anadwo, nso minnya ɔhome.


Ma pɛyɛ ne teeyɛ nhwɛ me so, efisɛ m’ani da wo so.


Na afei, AWURADE, dɛn na metwɛn? Wo so na m’ani da.


Na ɔde dwom foforo ahyɛ m’anom, yɛn Nyankopɔn ayeyi dwom. Nnipa bebree behu asuro, na wɔabata AWURADE ho.


M’apinisi ama mabrɛ, anadwo biara me mpa fɔw, mede me nusu mefɔw me nnae.


Wɔde bɔnwoma yɛɛ m’aduan, na me sukɔm mu wɔmaa me nsa nyinyanyinya sɛ mennom.


W’abufuhyew hyɛ me so, na woma w’asorɔkye nyinaa gu me so. Sela


Misii apini sɛ asomfena, sɛ asukɔnkɔn, midii nkɔmmɔ sɛ aborɔnoma; m’aniwa yɛɛ siamoo hwɛɛ ɔsoro sɛ: Awurade, me ho kyere me, di ma me!


Nusu ama m’ani ayɛ siamoo, m’ayamde kyinkyim, me mmerɛbo ahwie agu fam, me man babea sɛe nti, abotafowa ne akokoaa totɔ piti, kurow no mmorɔn so.


Eyi akyi a Yesu hui sɛ wɔanya awie nneɛma nyinaa no, (sɛnea ɛbɛyɛ na kyerɛwsɛm no aba mu nti), ɔkae sɛ: Osukɔm de me.


Wɔde wo mmammarima ne wo mmabea bɛma ɔman bi, na w’aniwa bɛhwɛ, na wɔn hwɛ ama w’aniwa atɔ dwen daa adesae, efisɛ tumi bi nni wo nsam.


Ɔno na ne honam nna no mu ɔde mpaebɔ ne nkotɔsrɛ brɛɛ nea obetumi agye no afi owu mu wɔ nteɛm a emu yɛ den ne nusu mu, na ahobrɛase suro nti wotiee no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan