Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 67:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Onyankopɔn behyira yɛn, na wɔn a wɔte asase ano nyinaa asuro no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Onyankopɔn bɛhyira yɛn, na wɔn a wɔte asase ano nyinaa asuro no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Onyankopɔn behyira yɛn, na asase mmaa nyinaa besuro no. Wɔde ma dwonkyerɛfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Onyankopɔn bɛhyira yɛn, na wɔn a wɔte asase ano nyinaa asuro no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Onyankopɔn bɛhyira yɛn, na wɔn a wɔte asase ano nyinaa bɛsuro no. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Onyankopɔn behyira yɛn, na wɔn a wɔte asase ano nyinaa asuro no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 67:7
23 Iomraidhean Croise  

Asase ano ano sofo nyinaa bɛkae adan aba AWURADE nkyɛn, na amanaman mmusuakuw nyinaa abɛkotow n’anim.


AWURADE bɛma ne man ahoɔden, AWURADE de asomdwoe behyira ne man.


Ma asase nyinaa sofo nsuro AWURADE, wɔn a wɔte wiase nyinaa mfɛre no;


Wode asɛntrenee a eyi hu bua yɛn, yɛn nkwagye Nyankopɔn, wo na asase ano nyinaa ani da wo so, ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri po so.


Ne din bɛtena hɔ daa, na owia wɔ hɔ yi, ne din asi so, na nnipa de no ahyira wɔn ho, na amanaman nyinaa ahyira no.


Wakae n’adɔe ne ne nokware ama Israel fi, asase ano nyinaa ahu yɛn Nyankopɔn nkwagye.


Na ɔbɛma osu agu w’aba a woagu ɛfam ne asase nnɔbae aduan so, na ayɛ aduan pa sɔɔsɔɔ. Wo mmoakuw bedidi da no, adidibea a ɛtrɛw so;


mɛka makyerɛ atifi fam sɛ: Fa ma! Na maka makyerɛ anafo fam sɛ: Nkora so! Fa me mmabanin fi akyirikyiri bra, ne me mmabea fi asase ano:


Monnan mo ho mmra me nkyɛn na wonnye mo nkwa, mo asase ano nyinaa Na mene Nyankopɔn, na obi nni hɔ bio.


AWURADE ayi ne basa kronkron no ho, amanaman nyinaa anim, na asase ano nyinaa ahu yɛn Nyankopɔn nkwagye.


ɛnne mɛma osu atotɔ ama mo ne bere mu, na asase no ama ne nnɔbae, na mfuw mu nnua asow aba;


Na obegyina hɔ ayɛn wɔn, AWURADE ahoɔden mu, AWURADE ne Nyankopɔn din kɛseyɛ mu, na wɔatena ase; na afei ɔbɛso akosi asase awiei.


Na nea wodua no asomdwoe mu, obobe, bɛsow n’aba, na asase ama ne nnɔbae, na ɔsoro bɛtɔ ne bosu, na mɛma ɔman yi nkae afa eyinom nyinaa adi.


Na metwitwa nteaseɛnam afi Efraim, ne apɔnkɔ nso afi Yerusalem, na wɔatwa akodi ta nso; na ɔbɛka ɔmannwoesɛm akyerɛ amanaman, na n’ahenni befi ɛpo so akɔ ɛpo so, na afi asu ano akosi asase awiei.


Na efi owia apuei de kosi n’atɔe no me din yɛ kɛse amanaman mu, na wɔhyew aduhuam bɔ afɔre ma me din mmaa nyinaa, na wɔde ayɛyɛde a ɛho tew ba; na me din yɛ kɛse amanaman mu, asafo Awurade na ose.


Na mo a musuro me din no, trenee wia bepue ama mo, na ayaresa wɔ ne ntaban ase, na mubefi adi ahuruhuruw sɛ anantwiforo a wɔadi adɔ,


Anuanom, Abraham asefo ne mo mu nnipa a musuro Onyankopɔn no, yɛn na wɔasoma nkwagye asɛm yi abrɛ yɛn.


Na saa ara na Awurade ahyɛ yɛn sɛ: Mede wo masi hɔ sɛ amanaman kanea, na woayɛ nkwagye akodu asase ano.


Wokyerɛɛ me nkwa akwan; wode w’anim bɛma abotɔyam amee me.


na ama Abraham nhyira aba amanaman so wɔ Yesu Kristo mu, na yɛnam gyidi so anya Honhom bɔhyɛ no.


Ɛnne na wɔn a wofi gyidi mu no, wohyira wɔne gyidini Abraham bom.


Awurade, hena na ɔrensuro wo na ɔnhyɛ wo din anuonyam? Efisɛ wo nko na woyɛ kronkron, na amanaman nyinaa bɛba abɛkotow w’anim, efisɛ w’asɛntrenee ada adi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan