Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 6:2 - KYERƐW KRONKRON

2 AWURADE, hu me mmɔbɔ, efisɛ meyɛ hodwoo; AWURADE, sa me yare, na me nnompe adwiriw,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 AWURADE, hu me mmɔbɔ, ɛfiri sɛ meyɛ hodwoo; AWURADE, sa me yadeɛ, na me nnompe abɔ huboaa,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Hu me mmɔbɔ, Awurade, efisɛ meyɛ mmrɛw; Awurade sa me yare na me nnompe wɔ ahoyeraw mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 AWURADE, hu me mmɔbɔ, ɛfiri sɛ meyɛ hodwoo; AWURADE, sa me yadeɛ, na me nnompe abɔ huboaa,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Hu me mmɔbɔ, Awurade, ɛfiri sɛ meyɛ mmrɛ; Ao Awurade sa me yadeɛ na me nnompe wɔ ahoyera mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 AWURADE, hu me mmɔbɔ, efisɛ meyɛ hodwoo; AWURADE, sa me yare, na me nnompe adwiriw,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 6:2
21 Iomraidhean Croise  

Na Abraham bɔɔ Onyankopɔn mpae, na Onyankopɔn saa Abimelek ne ne yere ne ne mfenaa yare ma wɔwowoe.


Munhu me mmɔbɔ, munhu me mmɔbɔ, me yɔnkonom, na Onyankopɔn nsa aka me.


Na ɔno na opira, na ɔkyekyere so, ɔpɛtɛw, na ne nsa nso sa.


Wɔahwie me agu sɛ nsu, na me nnompe nyinaa ahunhuan n’akwaa so. Me koma ayɛ sɛ hweawa, anan wɔ me yam.


AWURADE, me Nyankopɔn, misu mefrɛɛ wo, na wosaa me yare.


Na me nkwa ahwere ɛyaw mu, na me mfe ahwere ahomegu mu. M’amumɔyɛ nti m’ahoɔden so ahuan, na me nnompe agurow.


Na mimuaa m’ano no, me nnompe gurowee, m’apini a misii daa nyinaa nti.


na w’agyan awowɔ me, na wo nsa aduru me so.


W’abohuru nti ahoɔden bi nni me honam mu, me bɔne nti akwahosan bi nni me nnompe mu;


Na ahyehyekuru ayɛ m’asen mu ma, na ahoɔden bi nni me honam mu;


Ma mente anigye ne abotɔyam nsɛm, na nnompe a woabubu no adi ahurusi.


na ɔkae sɛ: Sɛ otie na wubetie AWURADE wo Nyankopɔn nne, na woayɛ nea ɛteɛ wɔ n'anim, na woatie ne mmara nsɛm, na woadi n'ahyɛde nyinaa so a, ɛnne meremfa ɔyare a mede miguu Misraim so no biara mingu wo so: na mene AWURADE, wo yaresafo no.


AWURADE, teɛ me so, nso yɛ no sɛnea ɛfata nko; ɛnyɛ w’abufuw so, na woannwerɛw me.


AWURADE, sa me yare, na me ho asan; gye me, na manya nkwa; na wone m’ayeyi.


Mommra mma yɛnsan nkɔ AWURADE nkyɛn, na ɔno na watetew yɛn mu na ɔbɛsa yɛn yare, ɔno na wabobɔ yɛn na ɔbɛkyekyere yɛn.


Na Mose su frɛɛ AWURADE sɛ: O, Onyankopɔn ee, sa no yare ɛ!


Na ne ho asɛm trɛw kɔɔ Siria nyinaa, na wɔde wɔn a wɔyare, wɔn a ɔhaw horow akita wɔn, wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn so, wɔn a wɔyare otwa, ne wɔn a wɔyare mmubui nyinaa brɛɛ no na ɔsaa wɔn yare.


Afei munhu sɛ me ara mene no, na onyame bi nka me ho. Me na mikum, na mema nkwa, mipira, na me na mesa, na nea obetumi agye afi me nsam nni hɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan