Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 57:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Me kra da agyata mu, meda wɔn a wɔhome gyaframa mu. Nnipa mma, wɔn se yɛ mpeaw ne agyan, na wɔn tɛkrɛma yɛ nkrante nnamnnam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Me kra da agyata mu, meda wɔn a wɔhome gyaframa mu. Nnipa mma a wɔn se yɛ mpea ne agyan, na wɔn tɛkyerɛma yɛ nkrantɛ nnamnnam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Gyata atwa me ho ahyia; meda mmoa a wɔwe nam amono mu, nnipa a wɔn se te sɛ mpeaw ne mmɛmma na wɔn tɛkrɛma te sɛ afoa a ɛyɛ nnam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Me kra da agyata mu, meda wɔn a wɔhome gyaframa mu. Nnipa mma a wɔn se yɛ mpea ne agyan, na wɔn tɛkyerɛma yɛ nkrantɛ nnamnnam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Agyata atwa me ho ahyia; meda mmoa a wɔwe ɛnam mono mu, nnipa a wɔn se te sɛ mpea ne mmɛmma na wɔn tɛkrɛma te sɛ akofena a ɛyɛ nnam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Me kra da agyata mu, meda wɔn a wɔhome gyaframa mu. Nnipa mma, wɔn se yɛ mpeaw ne agyan, na wɔn tɛkrɛma yɛ nkrante nnamnnam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 57:4
20 Iomraidhean Croise  

N’anim apon nso, hena na obehiɛ? Ne se ho yɛ hu.


Obuw kokoam, sɛ gyata wɔ ne bon mu, obuw sɛ ne nsa bɛka mmɔboroni, ne nsa ka mmɔborɔfo no twe wɔn ba n’afiri mu.


AWURADE, wobɛhwɛ ara akosi da bɛn? Gye me fi wɔn sɛe mu, ne me kra fi agyata nsam!


Ma wo hann ne wo nokware mmedi me kan, na ɛmfa me nkɔ wo bepɔw kronkron so ne wo tenabea.


Okontomponi, wo tɛkrɛma dwen mmusubɔ ho te sɛ oyiwan a ano yɛ hwetahweta.


N’anom nsɛm yɛ fekɔɔ sen bɔta, nanso ɔko wɔ ne komam. Ne nsɛm mu dwo bɛtɛɛ sen ngo, nanso ɛyɛ mfoa a wɔatwe.


Onyankopɔn, bubu wɔn se wɔn anom, AWURADE, tutu gyataforo sebɔmmɔfo.


Hwɛ, wɔde wɔn ano woro kasa, nkrante wɔ wɔn ano, na “Hena na ɔte?”


Wɔn na wɔsew wɔn tɛkrɛma ano sɛ afoa, wokuntun ta mu rebɛtow wɔn mmɛmma, ɛne nsɛm fo,


Ɛwɔ nea ɔworo kasa sɛ nkrante nwowɔe, na onyansafo tɛkrɛma sa yare.


Asabaa ne nkrante ne agyan nnamnam ne onipa a odi ne yɔnko ho adansekurum.


Ɔbɔnefo a odi ɔman abrɛfo so te sɛ gyata a ɔbobom ne sisi a n’ani abere.


Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn se yɛ nkrante, na wɔn nnyepi yɛ asekan a wɔde we abrɛfo fi asase so, ne ahiafo fi nnipa mu.


Na tɛkrɛma nso yɛ ogya. Tɛkrɛma wɔ yɛn akwaa mu a ɛyɛ nea ɛnteɛ. Ɛde nkekae keka nipadua nyinaa, na ɛsɔ nkwa nkyimii a etwa ne ho fi awo mu no, na efi amanehunu kurow no mu na wɔasɔ ano.


Na afoa nnamnam bi fi n’anom a ɔde bɛbobɔ amanaman, na ɔde dade poma bɛyɛn wɔn. Na ɔno na otiatia Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfo no, abufuw a ɛyɛ den no nsa-kyi-amoa no so.


Na sɛ ɛnte saa a, ogya mfi Abimelek mu mmɛhyew Sekemfo ne abankɛse mufo, na ogya nso mfi Sekemfo ne abankɛse mufo mu mmɛhyew Abimelek.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan