Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 57:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Ɔbɛsoma afi soro abegye me, ɔbɔ nea ɔregye me amene me no ahohora. Sela Onyankopɔn bɛsoma ne dom ne ne nokware.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Ɔbɛsoma afiri soro abɛgye me, ɔbɔ deɛ ɔregye me amene me no ahohora. Onyankopɔn bɛsoma n’adom ne ne nokorɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔsoma fi ɔsoro hɔ begye me nkwa, ɔka wɔn a wɔtaa me anibere so no anim; Onyankopɔn soma ne dɔ ne ne nokware.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Ɔbɛsoma afiri soro abɛgye me, ɔbɔ deɛ ɔregye me amene me no ahohora. Onyankopɔn bɛsoma n’adom ne ne nokorɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔsoma firi soro hɔ bɛgye me nkwa, ɔka wɔn a wɔtaa me anibereɛ so no anim; Onyankopɔn soma ne dɔ ne ne nokorɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Ɔbɛsoma afi soro abegye me, ɔbɔ nea ɔregye me amene me no ahohora. Sela Onyankopɔn bɛsoma ne dom ne ne nokware.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 57:3
14 Iomraidhean Croise  

ampa ara, me ntamadan mufo anka sɛ: Hena na Hiob maa no nam a ammee no?


AWURADE bewie di ama me, AWURADE, w’adɔe wɔ hɔ daa, wo nsa ano adwuma no, worennyaw no hɔ.


Wo AWURADE, worensiw me wo mmɔborohunu so, w’adɔe ne wo nokware bɛbɔ me ho ban daa,


Ma wo hann ne wo nokware mmedi me kan, na ɛmfa me nkɔ wo bepɔw kronkron so ne wo tenabea.


Ɔbɛtena Onyankopɔn anim daa, fa adɔe ne nokware hwɛ no so.


AWURADE, wobɛhyehyɛ asomdwoe ama yɛn, na yɛn nneyɛe nyinaa nso, woawie ama yɛn.


Hwɛ, ɔman yi sɔre sɛ gyatabere, na ɔma ne ho so sɛ gyata: ɔremmutuw gye sɛ wadi bɔnam, na wanom atɔfo mogya ansa.


Na mmara no de, wɔnam Mose so na ɛmae; na adom ne nokware no de, ɛnam Yesu Kristo so na ɛbae.


Na Petro ani baa ne ho so no, ɔkae sɛ: Afei na mahu ampa sɛ Awurade asoma ne bɔfo abeyi me afi Herode nsam ne nea Yudafo retwɛn nyinaa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan