Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 53:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Wɔn nyinaa aman, wɔn nyinaa aporɔw, obi nni hɔ a ɔyɛ papa, obiako po nni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Nanso wɔn nyinaa amane, wɔn nyinaa aporɔ, obiara nni hɔ a ɔyɛ papa, ɔbaako mpo nni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Nanso nnipa nyinaa atwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho; wɔn nyinaa ayɛ bɔne. Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa. Ɔbaako mpo nni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Nanso wɔn nyinaa amane, wɔn nyinaa aporɔ, obiara nni hɔ a ɔyɛ papa, ɔbaako mpo nni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Obiara amane; wɔn nyinaa ayɛ bɔne; wɔn mu bi nni hɔ a ɔyɛ papa; ɔbaako mpo nni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Wɔn nyinaa aman, wɔn nyinaa aporɔw, obi nni hɔ a ɔyɛ papa, obiako po nni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 53:3
13 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Israel mmarima nyinaa fii Dawid akyi kɔe kodii Bikri ba Seba akyi. Na Yuda mmarima de wɔbataa wɔn hene ho fi Yordan ho ara de baa Yerusalem.


Na menne nea ne ho yɛ nwini na waporɔw, onipa a ɔnom amumɔyɛ sɛ nsu.


Wɔn nyinaa aman, wɔn nyinaa aporɔw, obi nni hɔ a ɔyɛ papa, obiako po nni hɔ.


Yɛn nyinaa wowɔɔ ntwɛtwɛdɛ sɛ nguan, yɛdannan fofaa yɛn akwan so, na AWURADE maa yɛn nyinaa amumɔyɛ kɔhwee no so.


Na yɛn nyinaa ayɛ sɛ nea ne ho ntew, na yɛn adetrenee nyinaa te sɛ ntamagow afiafi; na yɛn nyinaa kisa sɛ ahaban, na yɛn amumɔyɛ soa yɛn kɔ sɛ mframa;


Na mede nsu kurunnyen mɛpete mo so na mo ho atew. Mo ho fi nyinaa ne mo abosonhuhuw nyinaa mu na mɛtew mo ho afi,


ne wɔn a wɔsan fi Awurade akyi, ne wɔn a wɔnhwehwɛɛ Awurade na wommisaa n’akyi kwan no.


Wɔn nyinaa aman, wɔn nyinaa ayɛ nea mfaso nni wɔn so, obiara nni hɔ a ɔyɛ papa, obiako po nni hɔ.


Afei sɛ yɛwɔ saa bɔhyɛ yi nti, adɔfo, momma yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ne honhom mu fi nyinaa ho, na yɛawie yɛn ahotew Onyankopɔn suro mu.


Sɛ munim sɛ ɔyɛ ɔtreneeni a, anka mobehu sɛ obiara a ɔyɛ adetrenee no, ɔno na Onyankopɔn awo no.


Ɔdɔfo, nhwɛ bɔne nsua, na mmom hwɛ papa sua. Nea ɔyɛ papa no fi Nyankopɔn mu, na nea ɔyɛ bɔne no nhuu Nyankopɔn.


Nea ɔnteɛ no nnteɛ ara, na nea ɔyɛ fi no nyɛ fi ara. Na nea ɔteɛ no nteɛ ara, na nea ɔyɛ kronkron no nyɛ kronkron ara.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan