Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 53:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Onyankopɔn fi soro hwɛ nnipa mma, sɛ obehu sɛ obi wɔ hɔ a ɔyɛ ɔbadwemma, obi a ɔhwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Onyankopɔn firi soro hwɛ nnipa mma, sɛ ɔbɛhunu sɛ obi wɔ hɔ a ɔyɛ ɔbadwemma, obi a ɔhwehwɛ Nyankopɔn akyiri kwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Onyankopɔn fi ɔsoro hwɛ adesamma wɔ fam sɛ obehu wɔn mu bi a wɔwɔ ntease, anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Onyankopɔn firi soro hwɛ nnipa mma, sɛ ɔbɛhunu sɛ obi wɔ hɔ a ɔyɛ ɔbadwemma, obi a ɔhwehwɛ Nyankopɔn akyiri kwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Onyankopɔn firi soro hwɛ adasamma wɔ fam sɛ ɔbɛhunu wɔn mu bi a wɔwɔ nteaseɛ, anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Onyankopɔn fi soro hwɛ nnipa mma, sɛ obehu sɛ obi wɔ hɔ a ɔyɛ ɔbadwemma, obi a ɔhwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 53:2
14 Iomraidhean Croise  

Na wo, me ba Solomon, hu w’agya Onyankopɔn no, na fa wo koma mu ne wo kra anisɔ som no, na AWURADE pɛepɛe koma nyinaa mu na ohu adwene nyinaa mu. Sɛ wohwehwɛ no a, ɔbɛma woahu no. Na sɛ wugyaw no a, ɔbɛtow wo akyene koraa.


na ofii adi kohyiaa Asa, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Asa ne Yuda ne Benyamin nyinaa, muntie me. AWURADE ne mo te, sɛ mo ne no te yi. Na sɛ mohwehwɛ no a, ɔbɛma moahu no, na sɛ mugyaw no a, obegyaw mo.


Nanso wɔahu wo ho nsɛm pa, sɛ woatwitwa Asera nnua afi asase no so, na woasiesie wo koma ahwehwɛ Onyankopɔn.


Na ɔka kyerɛɛ onipa sɛ: Hwɛ, AWURADE suro, ɛno ne nyansa, na bɔne ho fi, ne nhumu.


Ɔbɔnefo dwa n’anom ka sɛ: Hwee mfa me ho. Onyankopɔn bi nni baabi. N’adwene nyinaa ne no.


sɛ wafi ne soro kronkron hɔ abrɛ n’ani ase ahwɛ fam, AWURADE fi soro na ahwɛ asase,


AWURADE wɔ n’asɔrefi kronkron mu, AWURADE ahengua wɔ ɔsoro, n’ani tua nnipa mma, na n’anisuatɛtɛw kari wɔn hwɛ.


Nyansa mfiase ne AWURADE suro, ɛyɛ nimdeɛ pa ma wɔn a wodi so nyinaa; n’ayeyi gyina hɔ daa.


Woaka sɛ: Monhwehwɛ m’anim nti, me koma se wo sɛ: AWURADE, w’anim na merehwehwɛ.


Monhwehwɛ AWURADE, bere a ɔma wohu no no, momfrɛ no bere a ɔbɛn no.


Na m’aniwa hwɛ wɔn akwan nyinaa, enhintaw me ɛ, na wɔn amumɔyɛ nso, ɛso nkatae m’anim ɛ.


Sɛ obi de ne ho hintaw hintabea bi a, so merenhu no anaa? AWURADE asɛm ni. So ɛnyɛ ɔsoro ne asase na mehyɛ no mama anaa? AWURADE asɛm ni.


Enti munni so na monyɛ, efisɛ ɛno ne mo nyansa ne mo nhumu, aman a wɔbɛte ahyɛde yi nyinaa anim, na wɔbɛka sɛ: Ampa, ɔman anyansafo ne nhumufo ne ɔman kɛse yi!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan