Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 53:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Ogyennyentwi se ne komam sɛ: Onyankopɔn bi nni hɔ. Wɔasɛe, na wɔyɛ amumɔyɛde a wokyi, obi nni hɔ a ɔyɛ papa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Ogyegyentwie se n’akomam sɛ: Nyankopɔn bi nni hɔ. Wɔasɛe, na wɔyɛ amumuyɛdeɛ a wɔkyire, obiara nni hɔ a ɔyɛ papa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔkwasea ka wɔ ne koma mu se, “Onyankopɔn bi nni hɔ.” Porɔwee adi wɔn, na wɔn akwan yɛ animguase. Obiara nni hɔ a ɔyɛ ade pa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Ogyegyentwie se n’akomam sɛ: Nyankopɔn bi nni hɔ. Wɔasɛe, na wɔyɛ amumuyɛdeɛ a wɔkyire, obiara nni hɔ a ɔyɛ papa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔkwasea ka nʼakoma mu sɛ, “Onyankopɔn bi nni hɔ.” Wɔaporɔ, na wɔn akwan yɛ animguaseɛ. Baako koraa nni hɔ a ɔyɛ ade pa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Ogyennyentwi se ne komam sɛ: Onyankopɔn bi nni hɔ. Wɔasɛe, na wɔyɛ amumɔyɛde a wokyi, obi nni hɔ a ɔyɛ papa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 53:1
24 Iomraidhean Croise  

Na Yeroboam see ne koma mu sɛ: Afei na ahenni no bɛsan akɔ Dawid fi,


Na mmarima nguaman nso wɔ asase no so; wɔyɛe sɛ amanaman a AWURADE tuu wɔn fii Israelfo anim no akyide nyinaa te.


Hena na obenya ɔhotefo, wɔn a wɔn ho akum no mu? Obiara nni hɔ.


Na menne nea ne ho yɛ nwini na waporɔw, onipa a ɔnom amumɔyɛ sɛ nsu.


Ose ne komam sɛ: Onyankopɔn werɛ afi, ɔde n’ani ahintaw, ɔrenhu ara da.


Adɛn nti na ɔbɔnefo yi Nyankopɔn ahii ka ne komam sɛ: Worentwe n’aso.


Ɔbɔnefo dwa n’anom ka sɛ: Hwee mfa me ho. Onyankopɔn bi nni baabi. N’adwene nyinaa ne no.


Ose ne komam sɛ: Merenhim da, daa nyinaa merenhyia amane biara da.


Ao! AWURADE, me nkwagye Nyankopɔn, misu mefrɛ wo awia ne anadwo,


Ogyimifo nnim, na ɔkwasea nhu eyi mu.


Nso ɛnyɛ sɛ wofaa wɔn akwan so yɛɛ wɔn akyide no nko, na mmom ɛyɛɛ kakraa bi pɛ, na wosɛe sen wɔn, w’akwan nyinaa so.


Na Samaria anyɛ wo bɔne no fa, na womaa w’akyide dɔɔso sen wɔn, na wode w’akyide a woyɛe no nyinaa buu wo nuammeanom bem.


Na me de, mise mo sɛ obiara a ne bo fuw ne nua no bedi atemmu mu fɔ; na obiara a obese ne nua sɛ: Raka. Onipa hunu no bedi fɔ mpanyimfo atitiriw no asɛnnii. Na obiara a ɔbɛka sɛ: Ɔkwasea, no bedi fɔ akɔ ogya amanehunu kurom.


Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔkwasea, anadwo yi wobegye wo kra afi wo nsam; na nneɛma a woasiesie no bɛyɛ hena dea?


efisɛ wonim Nyankopɔn de, nso wɔanhyɛ no anuonyam sɛ Onyankopɔn, na wɔanna no ase, na mmom wɔn adwene yɛ nkwasea adwene na sum ahyɛ wɔn koma a ntease nni mu no ma.


Na sɛnea wɔammu sɛ wobekura Onyankopɔn wɔn nimdeɛ mu nti, Onyankopɔn yii wɔn maa adwene a ɛmfra, sɛ wɔnyɛ nea ɛmfata:


Efisɛ nneɛma a wohintaw yɛ no, ɛyɛ aniwu sɛ wɔbɔ din mpo.


Nyɛ AWURADE wo Nyankopɔn sa, na AWURADE akyide a ɔtan nyinaa na wɔayɛ ama wɔn anyame, na wɔn mmammarima ne wɔn mmabea mpo, wɔde ogya hyew wɔn ma wɔn anyame.


Yɛn asetena bere a atwam no, yɛsɛee bere yɛɛ nea amanaman mufo no pɛ, sɛ yɛnantew ahohwi, akɔnnɔ, asabow, agobɔne, didimee ne abosonsom a wokyi mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan