Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 5:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na wonyɛ Onyankopɔn a wopɛ adebɔne; ɔbɔne ne wo rentena.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na wonyɛ Onyankopɔn a wopɛ adebɔne, ɔbɔnefoɔ ne wo rentena.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Wonyɛ Onyankopɔn a wʼani gye bɔne ho; na amumɔyɛfo rentumi ne wo ntena.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na wonyɛ Onyankopɔn a wopɛ adebɔne, ɔbɔnefoɔ ne wo rentena.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Wonyɛ Onyankopɔn a wʼani gye bɔne ho; na amumuyɛfoɔ rentumi ne wo ntena.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na wonyɛ Onyankopɔn a wopɛ adebɔne; ɔbɔne ne wo rentena.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 5:4
16 Iomraidhean Croise  

Na minim, me Nyankopɔn, sɛ wo de, wosɔ koma hwɛ, na teeyɛ na ɛsɔ w’ani. Me de, me komam teeyɛ mu na mayi me yam mama eyinom nyinaa, na afei wo man a wohu wɔn ɛha yi nso, mede anigye mahu sɛ wɔn nso ayi wɔn yam ama wo ade.


Nea otwa nkontompo rentena me dan mu, nea ɔkeka atosɛm rennyina m’anim.


AWURADE sɔ ɔtreneeni hwɛ, na ɔbɔnefo ne nea ɔpɛ amim de, ne kra tan no.


Ampa, treneefo bɛda wo din ase, teefo bɛtena w’anim.


Woayɛ eyinom, na mayɛ komm nti, wususuw sɛ mete sɛ wo ara, mɛka w’anim na mede mataataa w’anim.


Ne saa na mehwɛɛ wo wɔ kronkronbea hɔ, sɛ mehu wo tumi ne w’anuonyam.


AWURADE, adɛn na wotow me kra kyene, adɛn nti na wode w’anim hintaw me?


na wɔaka akyerɛ sɛ AWURADE teɛ, ɔne me botan, na nea ɛnteɛ biara nni ne mu.


So amammɔe agua a ɛnam mmara so bɔ mmusu no ne wo bɛfa ayɔnko anaa?


Wo a w’aniwa yɛ kronkron a wuntumi nhwɛ bɔne na wuntumi nhwɛ ɔhaw, ɛdɛn nti na wohwɛ nkɔnkɔnsafo, na ɔbɔnefo mene ɔtreneeni a ɔteɛ sen no a, woyɛ komm?


Mode mo nsɛm hyɛ Awurade brɛ. Na moka se: Dɛn na yɛde hyɛ no brɛ? Sɛ moka se: Obiara a ɔyɛ bɔne no, ye Awurade anim, na wɔn ho yɛ no anisɔ; anaasɛ: Atemmu Nyankopɔn no wɔ he?


Yesu bua see no sɛ: Sɛ obi dɔ me a, obedi m’asɛm so, na m’Agya bɛdɔ no, na yɛbɛba ne nkyɛn, na yɛabɛyɛ yɛn tenabea ne nkyɛn.


Munni mo ne nnipa nyinaa ntam asomdwoe ne ahotew a obi kwati a, ɔrenhu Awurade no akyi.


Na, sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu no.


Na enhia sɛ owia anaa ɔsram bɛpae wɔ kurow no mu, efisɛ Onyankopɔn anuonyam hyerɛn wɔ mu, na ne kanea ne Oguammaa no.


Na ade hunu biara ne nea ɔyɛ akyide na odi atoro renhyɛn mu koraa, gye wɔn a wɔakyerɛw wɔn din ahyɛ Oguammaa no nkwa nhoma no mu no nko.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan