Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 26:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Na me de, pɛyɛ mu na mebɔ me bra: Gye me, na hu me mmɔbɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na me deɛ, pɛyɛ mu na mebɔ me bra: Gye me, na hu me mmɔbɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Nanso mebɔ ɔbra a ho tew; hu me mmɔbɔ na gye me nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

11 Na me deɛ, pɛyɛ mu na mebɔ me bra: Gye me, na hu me mmɔbɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Nanso mebɔ ɔbra a ɛho teɛ. Hu me mmɔbɔ na gye me nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na me de, pɛyɛ mu na mebɔ me bra: Gye me, na hu me mmɔbɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 26:11
19 Iomraidhean Croise  

Me Nyankopɔn, kae me, eyi ho, na mpopa m’adɔe a mayɛ mama me Nyankopɔn fi ne ne som adwuma no.


Na misee Lewifo no sɛ wonnwira wɔn ho na wɔmmra mmɛhwɛ apon no ano, na wɔnyɛ homeda no kronkron. Eyi ho nso kae me, me Nyankopɔn, na kora me so sɛ w’adɔe bebree no te.


Mehyehyɛɛ bere a ɛsɛ sɛ wɔde nnyina afɔrebɔ ne bere a wɔde aduankan de ba. O me Nyankopɔn, kae me ma ensi me yiye.


Na kan amradofo a wodii m’anim no yɛɛ ɔman no so duru, na wogyigyee wɔn hɔ aduan ne nsa, ɛsono dwetɛ nnwetɛbona aduanan nsɔn. Wɔn asomfo nso homm ɔman no so. Na me de, Onyankopɔn ho suro nti manyɛ sa.


Ɔbarima bi tenaa Us asase so a ne din de Hiob; na odi mu, ɔteɛ, osuro Onyankopɔn, na oyi ne ho fi bɔne ho.


Mede nimdeɛ mɛfa pɛyɛ kwan so. Da bɛn na wobɛba me nkyɛn? Mede me koma pɛyɛ mɛnantew me fi.


AWURADE, bu me bem, na me pɛyɛ mu na mebɔɔ me bra, na mede me ho metoo AWURADE so, manwatiri.


Na me kra de, Onyankopɔn begye no asaman nsam, na obegye me. Sela


Onua rentumi nnye onipa da, ɔremma Onyankopɔn ne mpatade,


Twiw bɛn me kra, na begye no, m’atamfo nti gye me.


Ao, AWURADE, kae sɛnea manantew w’anim nokware mu ne koma a ɛyɛ pɛ mu, na mayɛ nea eye w’ani so. Na Hesekia suu osu kɛse.


Na wɔn baanu nyinaa teɛ Onyankopɔn anim di Awurade ahyɛde ne treneede nyinaa so a ɛho nni asɛm,


Mo ne Nyankopɔn ne adansefo, sɛnea yɛyɛɛ yɛn ho kronkron ne trenee ne nnipa a wɔn ho nni asɛm maa mo agyidifo.


Ɔno na ɔde ne ho mae maa yɛn, na wagye yɛn afi mmarato nyinaa mu, na wadwira ɔman bi ho ayɛ n’ankasa de a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan