Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 21:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na wode papa mu nhyira hyia no, wode sika kɔkɔɔ abɔ no abotiri.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na wode papa mu nhyira hyia no, wode sika amapa abotire bɔ ne ti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Wode nhyira a edi mu hyiaa no na wode sikakɔkɔɔ ankasa ahenkyɛw hyɛɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na wode papa mu nhyira hyia no, wode sika amapa abotire bɔ ne ti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Wode nhyira a ɛdi mu hyiaa no na wode sikakɔkɔɔ amapa ahenkyɛ hyɛɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na wode papa mu nhyira hyia no, wode sika kɔkɔɔ abɔ no abotiri.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 21:3
16 Iomraidhean Croise  

Na oyii wɔn hene abotiri fii ne ti; ne duru si sika dwetikɛse, na aboɔden abo wɔ mu, na wɔde bɔɔ Dawid ti, na ɔde kurow no mu asade bebree pa fi bae.


Ɛnna Yuda mmarima bae bɛsraa Dawid sii Yuda fi so hene wɔ hɔ. Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Yabes-gileadfo na wosiee Saul.


Na Israel mpanyin nyinaa baa ɔhene nkyɛn Hebron, na ɔhene Dawid ne wɔn pamee Hebron, AWURADE anim, na wɔsraa Dawid de no sii Israel so hene.


Na Dawid yii wɔn hene abotiri fii ne ti, na ohui sɛ ne duru yɛ sika dwetikɛse, na aboɔden abo wɔ mu; na wɔde bɔɔ Dawid ti. Na ɔde kurow no mu asade bebree pa fi bae.


Na afei, AWURADE Nyankopɔn, sɔre hyɛn wo homebea no mu, wo ne wo tumi adaka no. W’asɔfo no, AWURADE Nyankopɔn, ma wɔnhyɛ nkwagye, na w’ahotefo ani nnye wo papa mu.


Hena na wadi kan ama me biribi na menhyɛ no ananmu? Nea ɛwɔ ɔsoro nyinaa ase, me na ɛwɔ me.


Wɔbɛtoaa me m’amanehunu da mu, na AWURADE bɛyɛɛ me okyitaafo.


Ma yɛmmɔ ose wɔ wo nkonimdi ho, na yɛn Nyankopɔn din mu na yehim yɛn frankaa. AWURADE mma nea wosrɛ nyinaa mmram.


Wo papa a wode asie ama wɔn a wosuro wo no sɛnea esi so fa! Ɛno na wuyi kyerɛ wɔn a woguan bɛtoa wo no, nnipa anim.


Me Nyankopɔn de ne dom behyia me, Onyankopɔn bɛma mahu nea mepɛ m’atɛwfo ho.


Anaasɛ hena na ɔmaa no biribi kan, na watua no so ka?


Anaasɛ wotew n’ayamye ne ne boasetɔ ne n’abodwokyɛre mapa no ho tua a, wunnim sɛ Onyankopɔn ayamye de wo rekɔ adwensakra mu?


Nhyira nka Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’Agya a ɔde honhom mu nhyira nyinaa ahyira yɛn ɔsoro hɔnom Kristo mu,


Na mmom, yehu Yesu, nea bere tiawa bi mu, wɔbrɛɛ no ase sen abɔfo no, sɛnea ɔbɛfa Onyankopɔn adom so bɛka owu ahwɛ ama nnipa nyinaa. Seisei esiane owu amanehunu nti, wɔde anuonyam ne nidi abɔ no abotiri.


Na n’aniwa te sɛ ogyaframa, na ahemmotiri pii bobɔ ne ti; na wɔakyerɛw ne din bi a obiara nnim gye ɔno nko.


Ɛnna Samuel faa ngo abɛn no, na ɔsraa no ne nuanom mu. Na AWURADE honhom sii Dawid so fi da no ara de rekɔ no. Ɛnna Samuel sɔre baa Rama.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan