Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 2:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Asase so ahemfo tu agyina, na aman sodifo bom tu agyina tia AWURADE ne nea wasra no no sɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Asase so ahemfo sɔre gyina, na atumfoɔ bom tu agyina tia AWURADE ne deɛ wasra no no sɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Asase so ahemfo sɔre gyina na sodifo ka wɔn ho bɔ mu tia Awurade ne Nea Wɔasra no no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Asase so ahemfo sɔre gyina, na atumfoɔ bom tu agyina tia AWURADE ne deɛ wasra no no sɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Asase so ahemfo sɔre gyina na atumfoɔ bom tu agyina tia Awurade ne Deɛ Wɔasra no no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Asase so ahemfo tu agyina, na aman sodifo bom tu agyina tia AWURADE ne nea wasra no no sɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 2:2
27 Iomraidhean Croise  

Awurade a ɔwɔ wo nifa so no bɛbobɔ ahene, n’abufuw da no.


Na afei, ahene, munhu nyansa. Asase so atemmufo, muntie afotu.


Wodɔ trenee, na wotan abɔnefosɛm, enti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de anigye ngo asra wo sen wo mfɛfo.


Na hwɛ, ahene behyiae, wɔboom yuu bae.


Wobehui, wɔn ho dwiriw wɔn, na wɔbɔɔ hu, na woguanee torom.


Kae eyi sɛ atamfo bɔɔ AWURADE ahohora, AWURADE, na ɔman nnyennyentwi huraa wo din ho.


Mma wo werɛ mmfi w’atamfo nne, wɔn a wɔsɔre hyɛ wo no gyegyeegye a ɛkɔ soro daa yi.


Edom ntamadan ne Ismaelfo, Moab ne Hagarfo,


Mahu m’akoa Dawid, mede me ngo kronkron masra no.


na anɔpa na mubehu Awurade anuonyam, efisɛ wate mo anwiinwii a munwiinwii hyɛ Awurade no; na yɛn de, dɛn ne yɛn na munwiinwii hyɛ yɛn?


Nyansa ne ntease ne afotu bi nni hɔ a ɛne AWURADE bedi asi.


AWURADE Nyankopɔn honhom wɔ me so, efisɛ AWURADE asra me sɛ menka asɛmpa menkyerɛ amanehunufo; wasoma me sɛ memmɛkyekye wɔn a wɔn koma abubu werɛ mempae ahofadi menkyerɛ nnommum, ne nneduadan bue menkyerɛ apokyerɛfo;


Na Herode hui sɛ anyansafo no agoru ne ho no, ne bo fuwii pii; na ɔsoma ma wokokunkum mmofra a wɔ Betlehem ne n’ahye so a wɔadi mfe abien ne wɔn a wonnya nnii saa no nyinaa sɛnea bere no a obisabisaa anyansafo no kyerɛe no.


Ɛnna asɔfo mpanyimfo ne ɔman no mpanyimfo kohyiaa ɔsɔfo panyin a wɔfrɛ no Kaiafa aban mu,


Na asɔfo mpanyimfo ne abaguafo no nyinaa hwehwɛɛ Yesu ho adansekurum, na wɔagyina so akum no,


Na ade kyee no, asɔfo mpanyimfo no nyinaa ne ɔman mpanyimfo no tuu Yesu ho agyina sɛ wobekum no.


Ɛdɔn no ara mu na Farisifo bi bae besee no sɛ: Fi ha kɔ! Na Herode pɛ wo akum wo.


Ɔno na ohuu n’ankasa ne nua Simon kan, na osee no sɛ: Yɛahu Mesaia (a ne nkyerɛase ne Kristo) no.


Nea ɔtan me no tan m’Agya no nso.


Na nea Onyankopɔn asoma no no ka Onyankopɔn asɛm; na Onyankopɔn nsusuw Honhom ansa na ɔde ma.


Yesu a ofi Nasaret: sɛnea Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi sraa no, na okyinii yɛɛ yiye, na ɔsaa wɔn a ɔbonsam hyɛɛ wɔn so no yare, efisɛ Onyankopɔn ka ne ho.


Na ɔhwee fam, na ɔtee nne bi a ɛka kyerɛɛ no sɛ: Saulo, Saulo, adɛn nti na wotaa me?


Wodɔ trenee, na wukyi amumɔyɛ, enti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de ahosan ngo asra wo asen wo mfɛfo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan