Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 2:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Momfa nidi mapa mma no, na ne bo amfuw, na moanyera ɔkwan mu; na aka kakra na n’abufuw adɛw. Nhyira ne wɔn a woguan toa no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Momfa nidie mapa mma no, na ne bo amfu, na moanyera ɔkwan mu; na aka kakra na n’abufuo adɛ. Nhyira ne wɔn a wɔdwane kɔtoa no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Mumfew Ɔba no ano, na ne bo amfuw na mo akwan de mo bɛkɔ ɔsɛe mu, efisɛ nʼabufuwhyew tumi sɔre mpofirim. Nhyira ne wɔn a woguan toa no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 Momfa nidie mapa mma no, na ne bo amfu, na moanyera ɔkwan mu; na aka kakra na n’abufuo adɛ. Nhyira ne wɔn a wɔdwane kɔtoa no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Momfe Ɔba no ano, na ne bo amfu ansɛe mo wɔ mo akwan so, ɛfiri sɛ nʼabufuhyeɛ tumi sɔre ntɛm so. Nhyira ne wɔn a wɔdwane toa no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Momfa nidi mapa mma no, na ne bo amfuw, na moanyera ɔkwan mu; na aka kakra na n’abufuw adɛw. Nhyira ne wɔn a woguan toa no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 2:12
30 Iomraidhean Croise  

Wubedi me fi so, na w'anom asɛm so na me man nyinaa bedi, gye ahengua nko so na mɛsen wo.


Nanso megyaw Israel mu nnipa mpemnsɔn, nkotodwe a ennya nkotow Baal nyinaa ne ano a ennya mfew n’ano nyinaa.


Efisɛ AWURADE nim atreneefo kwan, na abɔnefo kwan de, ɛbɛyera.


Eyi ne me ho asɛmpɛfo akatua a efi AWURADE nsam, ne wɔn a wɔka me kra ho asɛmmɔne no de.


Ɛno na ɔbɛkasa akyerɛ wɔn, n’abufuw mu, na ɔde n’abufuhyew beyi wɔn hu aka sɛ;


Na mɛka no nea AWURADE ahyɛ no, AWURADE ase me sɛ: Meba ne wo, ɛnnɛ na mawo wo.


Wode w’anim bɔ wɔn ho ban de wɔn hintaw fi nnipa a wɔabɔ tukuw anim, wode wɔn sie ɔsese mu fi tɛkrɛma birebire ho.


Monka nhwɛ na munhu sɛ AWURADE ye, nhyira ne onipa a oguan toa no.


AWURADE akronkronfo, munsuro no! Na biribiara remmɔ wɔn a wosuro no.


Nhyira ne nnipa a wɔde wɔn ani ato AWURADE so, na wɔnnan wɔn ho nkɔ ahantanfo nkyɛn ne wɔn a wɔman di anyame huhu akyi.


Asafo AWURADE, nhyira ne onipa a ɔde ne ho to wo so.


Nea odwen asɛm so no hu papa, na nhyira ne nea ɔde ne ho to AWURADE so.


Na enti AWURADE twɛn ansa na wadom mo, na ɛno nti na ɔma ne ho so ansa na wahu mo mmɔbɔ, na atemmu Nyankopɔn ne AWURADE, nhyira ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa.


Nhyira ne onii ko a ɔde ne ho to AWURADE so, na AWURADE yɛ n’anidaso!


Na afei wɔkɔ so yɛ bɔne, na wɔde wɔn dwetɛ yɛ ogu ahoni ne wɔn nhumu ano adwinhoni; ɛyɛ odwumfo adwuma ara nko. Nnipa a wɔbɔ afɔre kasa kyerɛ wɔn. Wofew anantwi mma ano.


Mommma ahyɛde no mmma ansa, da no resen aba sɛ ntɛtɛwa, mommma Awurade abufuw mu gya no mmma mo so ansa, yiw mommma Awurade abufuw da no mmma mo so ansa.


Yesu see no sɛ: Mene kwan ne nokware ne nkwa; obi mma Agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.


sɛ wɔn nyinaa nni Ɔba no ni, sɛnea wodi Agya no ni no. Nea onni Ɔba no ni no nni Agya a ɔsomaa no no ni.


Na kyerɛw no se: Obiara a ogye no di no ani renwu.


sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Hwɛ, mede ɔbotan bi resi Sion a ɛbɛyɛ hintibo ama nnipa, ɛyɛ ɔbotan a ɛbɛma wɔn ahweaseɛ; na obiara a obegye no adi no anim rengu ase.


sɛ yɛn a yɛn ani daa Kristo so kan no mmɛyɛ n’anuonyam ayeyi.


a monam no so gye Onyankopɔn a onyan no fii awufo mu na ɔhyɛɛ no anuonyam no di no, na mo gyidi ne anidaso atena Onyankopɔn mu.


Efisɛ ɛwɔ kyerɛw no mu sɛ: Hwɛ, mede tweaso tibo a wɔayi no na ne bo yɛ den mato Sion, na nea ogye no di no ani renwu.


Ɛnna Samuel faa ngo toa hwie guu Saul atifi, na ofew n’ano kae sɛ: AWURADE asra wo asi ne man Israel so panyin. Na wobedi AWURADE nkurɔfo anim, agye wɔn afi wɔn atamfo a atwa wɔn ho nyinaa nsam. Na eyi ne wo nsɛkyerɛnne sɛ AWURADE asra wo ngo adi ne nkurɔfo ne n’agyapade so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan