Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 18:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Misu mefrɛɛ, AWURADE, ɔno a ɔfata sɛ wɔyi n'ayɛ, na wɔagye me m’atamfo nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Mesu mefrɛ AWURADE, ɔno a ɔfata sɛ wɔyi no ayɛ, na wɔagye me m’atamfoɔ nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Misu frɛ Awurade; ɔno na ayeyi sɛ no, efisɛ ogye me fi mʼatamfo nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Mesu mefrɛ AWURADE, ɔno a ɔfata sɛ wɔyi no ayɛ, na wɔagye me m’atamfoɔ nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Mesu frɛ Awurade; ɔno na ayɛyie sɛ no, ɛfiri sɛ ɔgye me firi mʼatamfoɔ nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Misu mefrɛɛ, AWURADE, ɔno a ɔfata sɛ wɔyi n'ayɛ, na wɔagye me m’atamfo nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 18:3
26 Iomraidhean Croise  

AWURADE a woyi no ayɛ no na misu mefrɛ no, na wogye me m’atamfo nsam.


Na Lewifo no, Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabnia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia kae sɛ: Monsɔre nhyira AWURADE mo Nyankopɔn mfi daa nkosi daa, na wonhyira w’anuonyam din a woama so atra nhyira ne ayeyi nyinaa so no.


Nhyira ne AWURADE, me botan a ɔkyerɛkyerɛ me nsa ɔsa ne me nsatea akodi.


AWURADE so, na ɔsɛ ayeyi kɛse, ne kɛseyɛ mu nni hwehwɛbea.


Mede me nne misu mefrɛ AWURADE, na ogye me so fi ne bepɔw kronkron so. Sela


Wubeyi me afi afiri a wɔahintaw asum me no mu, na wo ara ne m’aban a ɛyɛ den.


AWURADE yɛ kɛse, na woyi no ayɛ sɛ, yɛn Nyankopɔn kurow mu, ne bepɔw kronkron so.


na frɛ me hiada mu, na megye wo na woahyɛ me anuonyam.


Me de, mesu mafrɛ Onyankopɔn, na AWURADE abegye me.


Mobɛhaw obiakofo akosi da bɛn, na mo nyinaa aburuw no sɛ ɔfasu a akyea ne ban a agow?


Nkurɔfo, momfa mo ho nto no so daa. Munyi mo yam nkyerɛ no, Onyankopɔn ne yɛn guankɔbea. Sela


Yɛ sɛ ɔbotan a mɛtena so maba hɔ daa yi. Woahyɛ sɛ wonnye me nkwa, na wone me botan ne me ho fasu.


W’anim yɛ nyam, na ɛharan sen asade mmepɔw no.


Osu frɛ me, na megye no so, me ne no bɛtena ahohia mu, meyi no na mahyɛ no anuonyam.


Bese AWURADE sɛ: Me guankɔbea ne m’abankɛse, me Nyankopɔn a mede me ho meto wo so.


Na AWURADE yɛ kɛse, na ɔsɛ ayeyi sɛ, ne ho yɛ hu, anyame nyinaa so,


O AWURADE, m’ahoɔden ne m’aban dennen ne me guankɔbea ahohia da mu, wo nkyɛn na amanaman befi asase anoano aba abɛka sɛ: Atoro nko ne yɛn agyanom awunnyade no, ahuhude a mfaso nni mu.


sɛ wonnye yɛn mfi yɛn atamfo ne wɔn a wokyi yɛn nyinaa nsam;


Na ɛbɛba sɛ obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no, wobegye no nkwa.


Awurade, wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ nti na wɔwɔ hɔ na wɔbɔe.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan