Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 17:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Sɛ wosɔ me koma hwɛ na wohwehwɛ mu anadwo, na wonan me yiyi mu, a worenhu me mu bɔne bi. Mabɔ me tirim sɛ meremma asɛmmɔne mfi m’ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Sɛ wosɔ m’akoma hwɛ, na wohwehwɛ me mu anadwo, na wonane me yiyi mu, worenhunu hwee. Mabɔ me tirim sɛ meremma asɛmmɔne mfiri m’ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Wopɛɛpɛɛ me koma mu, wohwehwɛ me mu anadwo, na wosɔ me hwɛ de, nanso wubehu sɛ minsusuw bɔne bi ɛ; mʼano nkaa bɔne bi ɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Sɛ wosɔ m’akoma hwɛ, na wohwehwɛ me mu anadwo, na wonane me yiyi mu, worenhunu hwee. Mabɔ me tirim sɛ meremma asɛmmɔne mfiri m’ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Wopɛɛpɛɛ mʼakoma mu, wohwehwɛ me mu anadwo, na wosɔ me hwɛ deɛ, nanso worenhunu hwee; masi madwene pi sɛ mʼano renka bɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Sɛ wosɔ me koma hwɛ na wohwehwɛ mu anadwo, na wonan me yiyi mu, a worenhu me mu bɔne bi. Mabɔ me tirim sɛ meremma asɛmmɔne mfi m’ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 17:3
32 Iomraidhean Croise  

Na wo, me ba Solomon, hu w’agya Onyankopɔn no, na fa wo koma mu ne wo kra anisɔ som no, na AWURADE pɛepɛe koma nyinaa mu na ohu adwene nyinaa mu. Sɛ wohwehwɛ no a, ɔbɛma woahu no. Na sɛ wugyaw no a, ɔbɛtow wo akyene koraa.


Na minim, me Nyankopɔn, sɛ wo de, wosɔ koma hwɛ, na teeyɛ na ɛsɔ w’ani. Me de, me komam teeyɛ mu na mayi me yam mama eyinom nyinaa, na afei wo man a wohu wɔn ɛha yi nso, mede anigye mahu sɛ wɔn nso ayi wɔn yam ama wo ade.


Na onim kwan a mefa so. Ɔsɔ me hwɛ a, mefi mu sɛ sika mmapa a afa ogya mu.


Ahema na owudifo sɔre, okum ɔmanehunufo ne hiani, na anadwo ɔyɛ sɛ owifo.


AWURADE sɔ ɔtreneeni hwɛ, na ɔbɔnefo ne nea ɔpɛ amim de, ne kra tan no.


Maka ntam, na mɛma agyina, sɛ medi wo trenee atemmude so.


O, AWURADE, woahwehwɛ me mu, na woahu me.


Onyankopɔn, hwehwɛ me mu, na hu me koma, sɔ me hwɛ, na hu m’adwene,


Mekamfo AWURADE a otu me fo, anadwo me koma kyerɛkyerɛ me tu me fo.


AWURADE, hwehwɛ me mu na sɔ me hwɛ, nan m’asaabo ne me koma.


Mekae sɛ: Mɛhwɛ m’akwan yiye, na mamfa me tɛkrɛma manyɛ bɔne. Mede nnareka meso m’ano, sɛ ɔbɔnefo wɔ m’anim yi.


Na wo Nyankopɔn, na woakari yɛn ahwɛ, woanan yɛn ahwɛ sɛ wɔnan dwetɛ hwɛ mu.


sɛ mayɛ nea ɔne me te asomdwoe mu bɔne, na madi nea ɔhaw me kwa no amim bi a,


Nea ɔkora n’ano hwɛ ne kra so, nea ɔtɛɛ n’anom nya ɔsɛe.


Nanso wo, AWURADE, wunim me; wuhu me, na wosɔ me koma hwɛ, sɛ ɛte wo fam! Tutu wɔn sɛ nguan a wɔrekokum wɔn, na hyira wɔn so sie okum da.


Nna no mu ne bere no mu, AWURADE asɛm ni, na wɔbɛtwee Israel amumɔyɛ, nso na enni hɔ, ne Yuda bɔne, na wɔrenhu, na mede mefiri wɔn, a mema wɔkae no.


Na wɔasiesie wɔn koma sɛ ɔfononoo, wɔn atirisopam no mu; wɔn abodootofo da anadwo nyinaa, anɔpa ɛdɛw sɛ ogya framfram.


Wonnue wɔn a wodwen amumɔyɛsɛm ne wɔn a wosiesie bɔne, wɔn nnae so; anɔpa hann mu wɔyɛ, efisɛ ɛwɔ wɔn nsam tumi mu,


Na mede nkyɛmu a ɛto so abiɛsa no mɛfa ogya mu, na manan wɔn sɛ wɔnan dwetɛ, na mayiyi wɔn mu sɛ woyiyi sika mu. Wɔbɛbɔ me din, na me nso mebua wɔn; mɛka sɛ: Me man ne wɔn! Na wɔn nso aka sɛ: Awurade me Nyankopɔn!


Na hena na obetumi ne ba da no, na ɔrebeyi ne ho adi no, hena na obegyina? Na ɔte sɛ ɔnanfo gya ne ntamasifo gyakisi;


Na ɔbae na obehuu Onyankopɔn adom no, n’ani gyei, na otuu wɔn nyinaa fo sɛ wonsi wɔn adwene pi mmata Awurade ho.


Na anadwo no, Paulo huu anisoade sɛ ɔbarima bi a ofi Makedonia gyina hɔ resrɛ no sɛ: Twam bra Makedonia bɛboa yɛn!


Efisɛ mede minhu biribi wɔ me ho, nanso ɛnyɛ eyi ho na midi bem; na nea obu me atɛn ne Awurade.


Na yɛn ahohoahoa ne sɛ, yɛn ahonim di yɛn adanse, sɛ yɛnam Onyankopɔn kronkronyɛ ne ahotew mu, na ɛnyɛ ɔhonam mu nyansa mu, na mmom Onyankopɔn adom mu na yɛnam bɔɔ yɛn bra ewiase, ne titiriw no mo ntam.


Efisɛ yɛn nyinaa fom nneɛma pii mu. Sɛ obi mfom asɛm mu a, ɔno ara na ɔyɛ onipa a owie pɛyɛ a obetumi ato nipadua nyinaa nnareka adi so.


na wɔahu mo gyidi tɔtorɔtɔɔ sɛ ne bo yɛ den pii sen sika a wɔsɔ hwɛ ogya mu, nanso ɛsɛe ama ayeyi ne nidi ne anuonyam, Yesu Kristo ahoyi mu.


Hwɛ, ɛnnɛ da yi w’aniwa ahu sɛnea AWURADE de wo hyɛɛ me nsa nnɛ ɔbodan no mu; na wɔkae sɛ minkum wo, nanso mekyɛee wo so, na mise: Merenteɛ me nsa menka me wura, efisɛ nea AWURADE asra no ne no.


AWURADE mmu me ne wo ntam atɛn, na AWURADE nnye m’aweretɔde wo nsam. Na me nsa de, ɛrenka wo.


AWURADE mma ɛmpare me sɛ mɛteɛ me nsa maka nea AWURADE asra no no. Na afei fa peaw a ɛwɔ n’atifi no ne nsu kuruwa no na yɛnkɔ.


Na AWURADE bɛdan onipa biara trenee ne ne nokwaredi ama no, sɛ nnɛ AWURADE de wo hyɛɛ me nsa, na mampɛ sɛ meteɛ me nsa meka nea AWURADE asra no no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan