Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 142:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Me honhom tɔ beraw me mu a, wo na wunim me kwan. Ɔkwan a menam so no so na wosum me afiri.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Me honhom tɔ piti me mu a, wo na wonim me kwan. Ɛkwan a menam soɔ no so na wɔsum me fidie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Sɛ me kra tɔ beraw wɔ me mu a, ɛyɛ wo na wunim me kwan. Ɔkwan a menam so no nnipa asum me afiri.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Me honhom tɔ piti me mu a, wo na wonim me kwan. Ɛkwan a menam soɔ no so na wɔsum me fidie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Sɛ me ɔkra tɔ baha wɔ me mu a, ɛyɛ wo na wonim mʼakwan. Ɛkwan a menam so no nnipa asum me afidie wɔ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Me honhom tɔ beraw me mu a, wo na wunim me kwan. Ɔkwan a menam so no so na wosum me afiri.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 142:3
20 Iomraidhean Croise  

Na onim kwan a mefa so. Ɔsɔ me hwɛ a, mefi mu sɛ sika mmapa a afa ogya mu.


Efisɛ AWURADE nim atreneefo kwan, na abɔnefo kwan de, ɛbɛyera.


AWURADE, tie me mpaebɔ, na ma me sufrɛ nnu w’anim.


Me koma abow na akisa sɛ fan, na m’ani apa m’aduan di so.


Ahantanfo de afiri ne nhama ato hɔ ama me, wɔasum me nsɛmma ɔkwankyɛn, wɔasum me apa. Sela


Kora me fi apa a wɔasum me ne amumɔyɛfo mfiri ho.


Na me honhom tɔ beraw me mu, me koma asen me yam.


Sɛ wosɔ me koma hwɛ na wohwehwɛ mu anadwo, na wonan me yiyi mu, a worenhu me mu bɔne bi. Mabɔ me tirim sɛ meremma asɛmmɔne mfi m’ano.


Wɔahwie me agu sɛ nsu, na me nnompe nyinaa ahunhuan n’akwaa so. Me koma ayɛ sɛ hweawa, anan wɔ me yam.


Wubeyi me afi afiri a wɔahintaw asum me no mu, na wo ara ne m’aban a ɛyɛ den.


Wɔn ano hyia ma wɔtɛw me, na wɔkari m’anammɔn, efisɛ wɔtwɛn me kra.


Mifi asase ano misu mefrɛ wo, me koma ahometew mu, wode me bɛkɔ ɔbotan a ɛware sen me so.


Ampa ara, nnipa mma yɛ ahuhuw, mmarima mma yɛ hunu; wogu nseniam a, ehuan kɔ soro, wɔn nyinaa yɛ ahuhuw.


Mekae Nyankopɔn a, misi apini, midwen a, me honhom tɔ beraw. Sela


Ma wɔnte osu nka mfi wɔn afi mu, sɛ wode asafo bi reba wɔn so mpofirim, efisɛ wɔatu amoa sɛ wɔde reyi me, na wɔasunsum m’anan afiri.


Sɔre bɔ abubuw anadwo, adasu mfiase; hwie wo koma gu sɛ nsu, Awurade anim; wo mmotafowa kra nti ma wo nsa so kyerɛ no, na ɔkɔm ama wɔatotɔ piti, mmorɔn nyinaa ti!


Ɛnna Farisifo no kɔe kotuu agyina sɛnea wobesum no afiri ɔkasa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan