Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 14:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Wɔn nyinaa aman, wɔn nyinaa aporɔw, obi nni hɔ a ɔyɛ papa, obiako po nni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Wɔn nyinaa amane, wɔn nyinaa aporɔ, obi nni hɔ a ɔyɛ papa, ɔbaako mpo nni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Nanso nnipa nyinaa atwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho; wɔn nyinaa ayɛ bɔne. Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa. Ɔbaako mpo nni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Wɔn nyinaa amane, wɔn nyinaa aporɔ, obi nni hɔ a ɔyɛ papa, ɔbaako mpo nni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Nanso nnipa nyinaa atwe wɔn ho afiri Onyankopɔn ho; wɔn nyinaa ayɛ bɔne. Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa. Ɔbaako mpo nni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Wɔn nyinaa aman, wɔn nyinaa aporɔw, obi nni hɔ a ɔyɛ papa, obiako po nni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 14:3
25 Iomraidhean Croise  

Yɛn nyinaa wowɔɔ ntwɛtwɛdɛ sɛ nguan, yɛdannan fofaa yɛn akwan so, na AWURADE maa yɛn nyinaa amumɔyɛ kɔhwee no so.


Na yɛn nyinaa ayɛ sɛ nea ne ho ntew, na yɛn adetrenee nyinaa te sɛ ntamagow afiafi; na yɛn nyinaa kisa sɛ ahaban, na yɛn amumɔyɛ soa yɛn kɔ sɛ mframa;


efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne, na Onyankopɔn anuonyam abɔ wɔn,


Ogyennyentwi se ne komam sɛ: Onyankopɔn bi nni hɔ. Wɔasɛe, wɔn nneyɛe ayɛ akyide, obi nni hɔ a ɔyɛ papa.


Hena na obenya ɔhotefo, wɔn a wɔn ho akum no mu? Obiara nni hɔ.


Abɔnefo bɔ ko fi yafunum, wofi wɔn na yam fom kwan di atoro.


Wɔn mu na anka kan no, yɛn nyinaa nso nam bɔɔ yɛn bra yɛn honam akɔnnɔ mu, na yɛyɛɛ nea ɔhonam ne adwene pɛ, na sɛnea yɛn awosu te no yɛyɛ abufuw mma te sɛ wɔn a aka no nso.


Na mfa w’akoa nkɔ atemmu mu, na ɔteasefo biara renni bem w’anim.


Na mede nsu kurunnyen mɛpete mo so na mo ho atew. Mo ho fi nyinaa ne mo abosonhuhuw nyinaa mu na mɛtew mo ho afi,


Na bɔne abien na me man ayɛ, wɔagyaw me a meyɛ nkwa nsuti no sɛ wɔkɔbɔre mmura a apaepae a entumi nnyina nsu.


Afei sɛ yɛwɔ saa bɔhyɛ yi nti, adɔfo, momma yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ne honhom mu fi nyinaa ho, na yɛawie yɛn ahotew Onyankopɔn suro mu.


Mafom kwan sɛ oguan a wayera, hwehwɛ w’akoa, na me werɛ mfi wo mmara nsɛm.


Hwɛ, eyi nko na mihui sɛ: Onyankopɔn bɔɔ onipa yiye, na wɔn de, wɔhwehwɛ tirim adwene bebree.


M’akuru bɔn, na aporɔw m’agyimisɛm nti.


Awo ntoatoaso bɔne yi mu nnipa yi mu biara renhu asase pa a mekaa ho ntam sɛ mede mɛma mo agyanom no!


Meka eyi mehyɛ mo aniwu. Onyansafo biako po nni mo mu a obetumi abu onua ne onua ntam atɛn anaa?


Na menne nea ne ho yɛ nwini na waporɔw, onipa a ɔnom amumɔyɛ sɛ nsu.


Ɛnna Farao sɔree anadwo no ara, ɔne ne nkoa nyinaa ne Misraimfo nyinaa, na osu kɛse baa Misraim, efisɛ na ofi biara nni hɔ a funu nni mu.


Na AWURADE yɛɛ nea Mose kae no, na oyii nwansena no fii Farao ne ne nkoa ne ne man so; anka biako po.


Na Onyankopɔn huu asase, na hwɛ, asɛe, efisɛ nnipa nyinaa asɛe wɔn akwan wɔ asase so.


Na onipa trenee bi nni asase so a ɔyɛ papa na ɔnyɛ bɔne.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan