Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 139:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Wo na wunim m’asetena, ne me sɔre, wuhu m’adwenem akyirikyiri.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Wo na wonim m’asetena ne me sɔreɛ, wohunu m’adwene mu akyirikyiri.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Wunim mʼasetena ne me sɔre; wufi akyirikyiri hu mʼadwene mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Wo na wonim m’asetena ne me sɔreɛ, wohunu m’adwene mu akyirikyiri.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Wonim mʼasetena ne me sɔreɛ; wofiri akyirikyiri hunu mʼadwene mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Wo na wunim m’asetena, ne me sɔre, wuhu m’adwenem akyirikyiri.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 139:2
17 Iomraidhean Croise  

Na ɔfrɛɛ AWURADE a ɔne no kasae no din sɛ: Wone El-roi, na ose: So mahu nea ohu me no ampa?


Na w’asetena ne w’adifi ne wo muba no, minim, ɛne wo dam a wobɔ me so no.


Na ne nkoa no mu biako kae sɛ: Me wura ɔhene, ɛnte sa, na mmom odiyifo Elisa a ɔwɔ Israel no na ɔka nsɛm a woka wo dabekyiri no kyerɛ Israel hene.


Na wo nti na wokum yɛn daa nyinaa, wobu yɛn sɛ nguan a wokokum wɔn.


Wo na woabu me kyini a mikyini yi ano, fa me nusu gu wo kotoku mu. Enni wo nhoma mu anaa?


AWURADE hu nnipa adwene sɛ ɛyɛ ahuhude.


AWURADE aniwa wɔ mmaa nyinaa rehwɛ abɔnefo ne apapafo.


Na minim w’asetena ne wo kɔree ne bae ne wo dam a wobɔ me so no.


Na AWURADE honhom tɔɔ me so, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ka sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Saa ara na moka, Israel fi, na nea ɛba mo adwene mu no, me de, minim.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: So wone nea mekaa ne ho asɛm tete nna no mu a menam me nkoa, Israel adiyifo a wɔkaa adiyisɛm nna no mu mfe mfe no, so mekae sɛ mede wo mɛba wɔn so no?


Na kan no obi buu adwuma yi mfiase animtiaa mpo a wɔn ani begye bere a wobehu kyerebennyɛ bo no Serubabel nsam, Kanea ason a wohui no ne Awurade aniwa a edi akɔneaba asase nyinaa so no.


Na Yesu huu wɔn adwene no, ɔkae sɛ: Adɛn nti na mudwen bɔne mo koma mu?


Na Yesu huu wɔn komam nsusuwii no, ɔfaa abofra bi begyinaa ne nkyɛn,


Enti mommpere ho mmmu biribiara ho atɛn, kosi sɛ bere no bedu ansa na Awurade bɛba; ɔno na ɔde nea ahintaw sum mu bɛba hann mu, na wayi komam agyina adi; ɛno ansa na Onyankopɔn de obiara ayeyi bɛma no.


Na sɛ bɔne pii ne ahohia horow bɛto wɔn a, dwom yi bɛyɛ ɔdansefo adi adanse wɔ wɔn anim, efisɛ ɛrempa wɔn asefo anom. Na minim wɔn adwene a wɔredwen nnɛ po, ansa na mede wɔn madu asase a mekaa ho ntam no so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan