Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 135:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Biribiara a AWURADE pɛ no, ɔyɛ, ɔsoro ne fam, ɛpo ne abun nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Biribiara a AWURADE pɛ no, ɔyɛ, ɔsoro ne fam, ɛpo ne abunu nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Awurade yɛ nea ɔpɛ biara wɔ ɔsoro ne asase so, po ne mu bun nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 Biribiara a AWURADE pɛ no, ɔyɛ, ɔsoro ne fam, ɛpo ne abunu nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Awurade yɛ deɛ ɔpɛ biara, wɔ ɔsoro ne asase so, ɛpo ne emu abunu nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Biribiara a AWURADE pɛ no, ɔyɛ, ɔsoro ne fam, ɛpo ne abun nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 135:6
13 Iomraidhean Croise  

Mahu sɛ wutumi ade nyinaa yɛ, na wɔrensiw w’atirimmɔ biara kwan.


Na yɛn Nyankopɔn wɔ ɔsoro, nea ɔpɛ nyinaa na ɔyɛ.


AWURADE agyina de, egyina hɔ daa, ne komam adwene wɔ hɔ ma awo ntoatoaso nyinaa.


na ɔno na ɔka a, ɛbamu, ɔno na ɔhyɛ a, egyina hɔ.


Me a mifi mfiase meka awiei asɛm, na mifi tete mmere no meka nea wɔnyɛe no, meka sɛ: Me tirimpɔw begyina, na nea ɛsɔ m’ani nyinaa mɛyɛ.


na wɔbɛpam wo afi nnipa mu, na wo ne wuram mmoa akɔtena, na wɔama woawe wura sɛ anantwi na mmere nson atwa wo ti so, de akosi sɛ wubehu sɛ ɔsorosoroni no na odi nnipa ahenni so tumi, na ɔde ma nea ɔpɛ no.


na asase sotefo nyinaa, wommu wɔn hwee, na ɔde ɔsoro asafo ne asase sotefo yɛ sɛnea ɔpɛ, na obi nni hɔ a ɔbɛbɔ ne nsa akyene na waka akyerɛ no sɛ: Dɛn na woyɛ yi?


Na hwɛ, nea ɔnwenee mmepɔw na ɔbɔɔ mframa na ɔkyerɛ onipa nea ɛwɔ n’adwenem no, nea ɔyɛ adekyeehema ne kusuu na otiatia asase sorɔnsorɔmmea so no, Awurade, asafo Nyankopɔn ne ne din.


Osi ne nsɛmso ɔsoro, na ɔhyɛ ne kuntun ase, asase so, ɔfrɛ po mu nsu na ohwie gu asase ani, AWURADE ne ne din.


Na ahemadakye nnɔnabiɛsa rekɔ no, Yesu nam po so kɔɔ wɔn nkyɛn.


Na Yesu bae bɛkasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan