Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 13:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Enkosi da bɛn na minni me kra mu yaw, na ade kye a, awerɛhow ntena me komam? Me tamfo nhoran me so nkosi da bɛn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Ɛnkɔsi da bɛn na menni me kra mu yea, na adeɛ kye a awerɛhoɔ ntena m’akomam? Me tamfo nhoran me so nkɔsi da bɛn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Enkosi da bɛn na mene mʼadwennwene bedi aperepere na awerɛhow ahyɛ me koma mu daa? Mʼatamfo nni me so nkonim nkosi da bɛn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Ɛnkɔsi da bɛn na menni me kra mu yea, na adeɛ kye a awerɛhoɔ ntena m’akomam? Me tamfo nhoran me so nkɔsi da bɛn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɛnkɔsi da bɛn na mene mʼadwendwene bɛdi apereapereɛ na awerɛhoɔ ahyɛ mʼakoma mu daa? Mʼatamfoɔ nni me so nkonim nkɔsi da bɛn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Enkosi da bɛn na minni me kra mu yaw, na ade kye a, awerɛhow ntena me komam? Me tamfo nhoran me so nkosi da bɛn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 13:2
44 Iomraidhean Croise  

Na ɔhene ka kyerɛɛ me sɛ: Efi dɛn so na w’anim ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ sɛɛ, na wonyare nso? Eyi nyɛ hwee sɛ koma mu awerɛhow. Na misuroe pii pa ara,


Na Ester se: Onipa ɔhohiahiafo ne ɔtamfo no ne Haman otirimmɔdenfo yi. Ɛnna nketenkete kitaa Haman, ɔhene ne ɔhemmea no anim.


Sɛ midi abɔnefosɛm a, minnue; na sɛ meteɛ nso a, meremma me ti so; efisɛ ahohora ahyɛ me ma, na mehwɛ m’amanehunu.


sɛ wubedi ayisaa ne nea wɔhyɛ no so no asɛm, na ɔdesani a ofi asase mu no ho anyɛ hu bio.


Owu nhama kyekyeree me, na asaman ahohia too me, mihuu ahoguan ne awerɛhow


abɔnefo a wɔfom me fa, m’atamfo atirimɔdenfo a wotwa me ho hyia no nti.


Ma atorofo ano mmua, wɔn a wɔka ɔtreneeni ho nsɛm a ɛyɛ den, ahokyerɛ ne aniammɔnho mu no.


Na mereyɛ mahwe ase, na me yaw wɔ m’anim daa.


Mekae eyinom, na mihwie me kra wɔ me mu, sɛnea me ne asafokuw nantew kɔɔ Onyankopɔn fi, na me ne nkurɔfo a wɔnam yuu hyɛ fa no de ayeyi ne aseda nnwom kɔe no.


San bra, AWURADE, begye me kra, gye me nkwa, w’adɔe nti.


Na wɔansunsuan me kra sɛ gyata antetew me a ogyefo bi nni hɔ.


Onyankopɔn, ɔhohiafo nka ahohorasɛm nkosi da bɛn? Ɔtamfo ngu wo din ho fi daa anaa?


Kae eyi sɛ atamfo bɔɔ AWURADE ahohora, AWURADE, na ɔman nnyennyentwi huraa wo din ho.


wo a w’anuonyam pue mmofra ne nkokoaa anom wo a woasiesie abankɛse, w’atamfo nti, na wode amua ɔtamfo ne werefo ano.


Atamfo awie sa, wɔadan daa amamfo, na wɔn nkurow ase ahyew, wɔn nkae ayera.


Anigye koma ma anim tew, na komam awerɛhow bubu honhom.


Nso ne nna nyinaa, esum mu na odii, na n’abohuru ne ne yare ne n’awerɛhow dɔɔso.


Ɛdɛn nti na me yaw wɔ hɔ daa yi, na me kuru ayɛ akisikuru a wɔsa a ɛnsa yi? So wobɛyɛ sɛ asu a edi huammɔ a ennyina ama me anaa?


Woka sɛ: Minnue, sɛ AWURADE de ɛyaw ka m’awerɛhow ho. Mabrɛ ne apinisi, na minnya ɔhome bi.


O, sɛ minya m’awerɛhow mu awerɛkyekye ɛ! Me koma abotow me mu.


N’ahohiafo abedi ti, n’atamfo di yiye; na ne mmarato dodow nti AWURADE ahyɛ no awerɛhow: Ne mmotafowa adi ɔtamfo anim kɔ nnommumfa mu.


N’ahohwi bra ada adi n’atade mmuano mu; wannwene ne daakye ho, enti n’asehwe yɛ hu; onni ɔwerɛkyekyefo bi. AWURADE, hwɛ m’amane, na ɔtamfo di akokurokosɛm!


Adɛn nti na wo werɛ fi yɛn ma ɛkyɛ saa, na woagyaw yɛn dedaadaw yi?


Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Awerɛhow ahyɛ me kra so de rekɔ owu mu; montena ha na mo ne me nwɛn.


Me ne mo wɔ asɔrefi hɔ daa no, moankyere me; na eyi ne mo bere ne sum tumi.


Na sɛ maka eyinom makyerɛ mo nti, awerɛhow ahyɛ mo koma ma.


sɛ: Midi awerɛhow kɛse ne daa yaw wɔ me koma mu.


Na ɛwom sɛ ɔyaree owuyare de, nanso Onyankopɔn huu no mmɔbɔ, na ɛnyɛ ɔno nko, na me nso bi, na m'awerɛhow annɔɔso.


Na Saul kɔɔ so suroo Dawid ara, na ɛmaa Saul tan Dawid daa.


Na sɛ obi to ne tamfo a, ɔbɛma ɔde ne ho sɔnn akɔ anaa? Enti AWURADE ntua wo ka pa nhyɛ nea woayɛ me nnɛ yi ananmu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan