Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 13:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Ao! AWURADE, enkosi da bɛn? Wo were befi me daa? Wode w’ani behintaw me akosi da bɛn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Ao, AWURADE, ɛnkɔsi da bɛn? Wo werɛ bɛfiri me daa? Wode w’ani bɛhunta me akɔsi da bɛn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Awurade enkosi da bɛn? Wo werɛ befi me afebɔɔ ana? Enkosi da bɛn na wode wʼanim behintaw me?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Ao, AWURADE, ɛnkɔsi da bɛn? Wo werɛ bɛfiri me daa? Wode w’ani bɛhunta me akɔsi da bɛn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ao, Awurade, ɛnkɔsi da bɛn? Wo werɛ bɛfiri me afebɔɔ anaa? Ɛnkɔsi da bɛn na wode wʼanim bɛhinta me?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Ao! AWURADE, enkosi da bɛn? Wo were befi me daa? Wode w’ani behintaw me akosi da bɛn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 13:1
15 Iomraidhean Croise  

Adɛn nti na wode w’ani hintaw, na wubu me wo tamfo?


Ao! AWURADE, sɔre ɛ! Ao, Onyankopɔn, ma wo nsa so. Mma wo werɛ mmfi amanehunufo.


AWURADE, wobɛhwɛ ara akosi da bɛn? Gye me fi wɔn sɛe mu, ne me kra fi agyata nsam!


Adɛn nti na wuyi w’ani hintaw, na wo werɛ fi yɛn amane ne yɛn so hyɛ no?


na me kra ho nso adwiriw no sɛ: Na wo, AWURADE, enkosi da bɛn?


Onyankopɔn, adɛn nti na woasum yɛn agu koraa, na w’abufuw rehyew w’adidibea nguan?


AWURADE, asafo Nyankopɔn, wo bo befuw ahyɛ wo man mpaebɔ akosi da bɛn?


So wo werɛ bɛhow ahyɛ yɛn akosi daa a? Wobɛtwe w’abufuw mu akɔ awo ntoatoaso a edidi so mu?


Enkosi da bɛn, AWURADE, na wode wo ho behintaw daa yi ama w’abufuw adɛw sɛ ogya?


Fa w’adɔe ma yɛmmee nhema, na yɛadi ahurusi, na yɛn ani agye yɛn nna nyinaa mu.


na mmom mo amumɔyɛ ne nea ɛma mo ne mo Nyankopɔn ntam pan, na mo bɔne na akata n’ani afi mo ho a enti ontie.


Adɛn nti na wo werɛ fi yɛn ma ɛkyɛ saa, na woagyaw yɛn dedaadaw yi?


Na me bo befuw wɔn da no, na magyaw wɔn, na mayi m’ani mahintaw wɔn, na wɔamene wɔn, na bɔne pii ne ahohia horow bɛto wɔn ama wɔaka da no sɛ: So ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn a onni yɛn mu nti na bɔne yi abɛto yɛn yi anaa?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan