Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 127:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Hwɛ, mma yɛ agyapade a efi AWURADE hɔ, na yafunu mu aba yɛ akatua.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Hwɛ, AWURADE agyapadeɛ ne mma, na yafunu mu aba yɛ akatua.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Mma yɛ agyapade a efi Awurade hɔ, na mma yɛ akatua a efi no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Hwɛ, AWURADE agyapadeɛ ne mma, na yafunu mu aba yɛ akatua.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Mmammarima yɛ agyapadeɛ a ɛfiri Awurade hɔ, na mma yɛ akatua a ɛfiri noɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Hwɛ, mma yɛ agyapade a efi AWURADE hɔ, na yafunu mu aba yɛ akatua.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 127:3
22 Iomraidhean Croise  

Na Onyankopɔn hyiraa wɔn, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monwo, na monnɔre, na monyɛ asase so ma, na monni so tumi, na munni ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa ne mmoa a wɔkeka wɔn ho wɔ asase so nyinaa so.


Na wohyiraa Rebeka see no sɛ: Yɛn nuabea, dan ɔpedu ahorow mpem, na w'asefo mfa wɔn atamfo apon nni.


Na ɔmaa n'ani so huu mmea no ne wɔn mma no, ɔkae sɛ: Henanom ne eyinom a wɔka wo ho yi? Na ose: ɛyɛ mma a Onyankopɔn de adom w'akoa.


Na Adam ne ne yere Hawa hyiae, na onyinsɛnee, na ɔwoo Kain, na ɔkae se: AWURADE adaworoma, manya ɔbarima.


na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, mɛma woadɔ, na mama woadɔɔso, mɛyɛ wo aman asafo, na mede asase yi mɛma w'asefo a wobedi w'akyi no sɛ daa agyapade.


Na nea ɔto so asia ne Dawid yere Egla ba Yitream. Eyinom na wɔwoo wɔn maa Dawid wɔ Hebron.


na me mma nyinaa mu no, efisɛ AWURADE ama me mma pii, wayi me ba Solomon sɛ ɔntena AWURADE ahenni a ɔde di Israel so no agua so.


Na Ulam mma yɛ mmarima ahoɔdenfo a wotumi, wokuntun ta, na wɔwɔ mma bebree ne mmanananom ɔha aduonum. Eyinom nyinaa yɛ Benyamin mma asefo.


Na ɔwoo mmammarima baasɔn ne mmammea baasa.


wɔn mmɛmma bɛbobɔ mmerante, wɔn yam renhyehye wɔn ɔyafunum mma po ho, na wɔn aniwa renkyɛe mmofra so.


Hwɛ, me ne me mma a AWURADE ama me no fi asafo AWURADE a ɔte Sion bepɔw so no yɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade, Israel mu.


Na AWURADE bɛma nnepa abu wo so, wo yafunu mu aba mu ne w’afieboa aba mu ne w’asase so aba mu, asase a AWURADE kaa w’agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wo no so.


Nhyira bɛka wo yafunu mu aba ne w’asase so aba ne w’afieboa mma, w’anantwi mma ne wo nguan mma.


Na ɔwɔ mmammarima aduasa; na ɔde mmabea aduasa momaa aware mmeaemmeae, na okogyigyee mmabaa aduasa nso fi mmeaemmeae brɛɛ ne mmammarima aware. Na odii Israel anim mfe asɔn.


Abofra yi ho mpae na mebɔe, na AWURADE ama me nea mesrɛɛ no hɔ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan