Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 127:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Ɔkwa ara na mosɔre anɔpahema na monnye mo ahome mpo anadwo bere, na mobrɛ ansa na moanya aduan adi. Nanso AWURADE na osiesie ma n’adɔfo mpo bere a wɔadeda no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Kwa ara na motua ahema sɔre na monnye moahome papa biara, mpo anadwo brɛ. Na mobrɛ ansa na moanya aduane adi. Nanso AWURADE siesie de ma n’adɔfoɔ mpo berɛ a wɔadeda.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Sɛ wosɔre anɔpahema na wotena kosi anadwo, na woyɛ adwumaden pɛ wʼano aduan a, ɛyɛ ɔkwa, efisɛ wɔn a ɔdɔ wɔn no, ɔma wɔn wɔ wɔn nnae mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Kwa ara na motua ahema sɔre na monnye moahome papa biara, mpo anadwo brɛ. Na mobrɛ ansa na moanya aduane adi. Nanso AWURADE siesie de ma n’adɔfoɔ mpo berɛ a wɔadeda.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔkwa ara na wosɔre anɔpahema na woyɛ adwumaden brɛ kɔsi anadwo, ansa na woanya wʼano aduane. Ɛyɛ kwa, ɛfiri sɛ, wɔn a ɔdɔ wɔn no, ɔma wɔda.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Ɔkwa ara na mosɔre anɔpahema na monnye mo ahome mpo anadwo bere, na mobrɛ ansa na moanya aduan adi. Nanso AWURADE na osiesie ma n’adɔfo mpo bere a wɔadeda no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 127:2
17 Iomraidhean Croise  

Na wubenya abotɔyam sɛ anidaso wɔ hɔ, wobɛhwɛ wo ho ahyia, na woada dwoodwoo.


Mekɔdae na medae; manyan, na Awurade kura me mu.


Asomdwoe mu na mɛkɔ makɔda, na mada prɛko; na wo, AWURADE, nko na woma metena hɔ dwoodwoo.


Nea ɛbɛyɛ na wɔagye w’adɔfo nti fa wo nifa gye yɛn nkwa, na gye yɛn so.


AWURADE nhyira na ɛyɛ ɔdefo, na ɔbrɛ adwuma mfa bi nka ho.


Mihuu nnwuma a wɔyɛ owia ase nyinaa, na hwɛ, ne nyinaa yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu.


Obiako wɔ hɔ na obi nka ne ho, nso onni ba anaa onua, nanso ne brɛ nyinaa nni awiei, ahonya nso mmee n’aniwa. Na hena po na merebrɛ na merekame me kra nnepa mama no? Eyi nso, ahuhude ne ɔhaw bɔne ne no.


Odwumayɛfo didi kakraa oo, pii oo, ne nna yɛ no dɛ, na ɔmee a ɔdefo mee no mma onnya adaye.


Onipa brɛ nyinaa, ɔbrɛ ma n’ano, nanso n’akɔnnɔ mmee no.


Eyi so na minyanee, na mehwɛe, na me nna no ate me dɛw mu.


Na me ne wɔn bɛpam asomdwoe apam, na matɔre mmoa bɔne ase, asase no so, na wɔatena sare so dwoodwoodwoo, na wɔadeda kwae mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan