Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 127:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Sɛ AWURADE ansi dan no a, wɔn a wosi yɛ ho adwuma kwa. Sɛ AWURADE anwɛn kurow no a, ɔwɛmfo si ho pɛ kwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Sɛ AWURADE ansi dan no a, wɔn a wɔsie yɛ ho adwuma kwa. Sɛ AWURADE anwɛn kuro no a, ɔwɛmfoɔ siri ho pɛ kwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Sɛ Awurade ansi ɔdan no a, adansifo no yɛ ho adwuma kwa. Sɛ Awurade ammɔ kuropɔn no ho ban a, awɛmfo no wɛn kwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Sɛ AWURADE ansi dan no a, wɔn a wɔsie yɛ ho adwuma kwa. Sɛ AWURADE anwɛn kuro no a, ɔwɛmfoɔ siri ho pɛ kwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Sɛ Awurade ansi ɛdan no a, adansifoɔ no yɛ ho adwuma kwa. Sɛ Awurade ammɔ kuropɔn no ho ban a, awɛmfoɔ no wɛn kwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Sɛ AWURADE ansi dan no a, wɔn a wosi yɛ ho adwuma kwa. Sɛ AWURADE anwɛn kurow no a, ɔwɛmfo si ho pɛ kwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 127:1
35 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE maa Solomon nyansa sɛnea ɔhyɛɛ no ase no; na ɔmannwoe daa Hiram ne Solomon ntam, na wɔn baanu pamee.


Afei hwɛ sɛ AWURADE ayi wo sɛ si ofi a ɛbɛyɛ kronkronbea: Hyɛ wo ho den na yɛ!


Na Dawid ka kyerɛɛ ne ba Solomon sɛ: Hyɛ wo ho den na mia w’ani, na yɛ, nsuro na mma wo bo nntu, na AWURADE Nyankopɔn, me Nyankopɔn no, di w’akyi. Ɔrempa wo na ɔrennyaw wo de bɛkɔ akosi sɛ wobewie AWURADE fi som ho adwuma no nyinaa.


Na me ba Solomon nso, ma no koma a edi mu, na ɔnhwɛ wo mmara nsɛm, w’adanse ne w’ahyɛde, na ɔnyɛ ne nyinaa, na ɔnto aban a masiesie ho no.


AWURADE na m’ahohia mu misu mefrɛɛ no, na otiee me.


Mema m’ani so makyerɛ mmepɔw no, ɛhe na me boa fi bɛba?


M’ani gyei sɛ wosee me sɛ: Ma yɛnkɔ AWURADE fi.


Wo na mema m’ani so mehwɛ wo, wo a wote soro no.


Sɛ ɛnyɛ AWURADE na ɔwɔ yɛn afa a, ma Israel nka ɛ:


Wɔn a wɔde wɔn ho to AWURADE so no te sɛ Sion bepɔw, entwiw, na etim hɔ daa.


Bere a AWURADE de Sion fi nnommum san bae no, yɛyɛe sɛ adaesofo.


Onyankopɔn, fa w’atemmu ma ɔhene, ne wo trenee ma ɔhene ba.


Na osii ne kronkronbea sɛ ɔsoro, sɛ asase a ɔde atim hɔ daa no.


Onipa koma na edwen ne kwan ho, na AWURADE na ɔtaataa n’anammɔn.


Mesan mihui owia ase sɛ ɛnyɛ ahoɔharefo de ne ammirikatu, na ɛnyɛ nnɔmmarima de ne ɔko, na ɛnyɛ anyansafo de ne aduan, na ɛnyɛ nhumufo de ne ahonya, nanso ɛnyɛ animdefo de ne anuonyam, na ɛbere ne mpofirim ade to wɔn nyinaa.


Awɛmfo a wokyin kurow mu bɛtoo me: Nea me kra dɔ no no, muhuu no anaa?


Awɛmfo a wokyin kurow mu no bɛtoo me, wɔbobɔɔ me, wopiraa me, afasu so awɛmfo gyee me nkataanim.


Me, AWURADE, na mehwɛ no, migu no so nsu bere nyinaa mu; mehwɛ no anadwo ne awia, na hwee ammɛyɛ no.


N’awɛmfo yɛ anifuraefo, wɔn nyinaa nnim de; wɔn nyinaa yɛ akraman mum, wontumi mmobom; wɔyɛ nnamukasafo deda hɔ, wɔtɔ nko.


W’afasu so, Yerusalem, na mede awɛmfo maduadua; adekyee nyinaa ne anadwo nyinaa daa yi, wɔremmua wɔn ano; mo a mokae AWURADE no, monnyɛ komm koraa.


Munsi frankaa nhyɛ Babel afasu, momma ɔwɛn no mu nyɛ den, momfa awɛmfo nsisi hɔ, munsiesie atɛwfo, na AWURADE dwen ne tirim, nso ɔreyɛ nea waka Babelfo ho no.


Mmirikatuni tu mmirika kohyia mmirikatuni, ɔbɔfo nam hyia ɔbɔfo foforo kɔbɔ Babel hene kaseɛ, sɛ wɔafa ne kurow no, efi ti kɔ ti,


na sɛ wɔannyan Kristo a, na yɛn asɛnka yɛ ɔkwa, na mo gyidi nso yɛ hunu.


Enti ɛnyɛ nea odua, na ɛnyɛ nea ogugu so nsu na ɔyɛ biribi, na mmom Onyankopɔn a ɔmaa no nyinii.


Misuro wɔ mo ho sɛ ebia mahaw me ho mama mo kwa.


na mmom kae AWURADE wo Nyankopɔn, na ɔno na ɔma wo ahoɔden a wode nya wo ho, na wama n’apam a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom no atim sɛ ɛte nnɛ yi.


Na obi kɔka kyerɛɛ Yeriko hene no sɛ: Hwɛ, mmarima bi a wofi Israelfo no mu aba ha anadwo yi rebɛsra asase yi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan