Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 12:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Ma AWURADE ntwa ano dɛfɛdɛfɛ nyinaa ne tɛkrɛma a ɛka nsɛnkɛse,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Ma AWURADE ntwa ano dɛfɛdɛfɛ nyinaa ne tɛkyerɛma a ɛka nsɛnkɛseɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ma Awurade ntwa nnaadaa ano ne tɛkrɛma biara a ɛhoahoa ne ho nkyene;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Ma AWURADE ntwa ano dɛfɛdɛfɛ nyinaa ne tɛkyerɛma a ɛka nsɛnkɛseɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ma Awurade ntwa nnaadaa ano ne tɛkrɛma biara a ɛhoahoa ne ho ntwene;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Ma AWURADE ntwa ano dɛfɛdɛfɛ nyinaa ne tɛkrɛma a ɛka nsɛnkɛse,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 12:3
26 Iomraidhean Croise  

na minnim m’ano adɛfɛdɛfɛ, anka ebia ɛbɛka ketewaa sɛɛ, na me yɛfo afa me akɔ.


Mekae m’abotu mu sɛ: Nnipa nyinaa yɛ atorofo.


Minim sɛ Awurade bedi mmɔboroni asɛm, obebu atɛn ama ahiafo.


Wɔapirim wɔn koma, wonni mmɔborohunu biara, wɔde wɔn ano ka ahantan kasa.


Dan w’adesoa to AWURADE so, na obeso wo mu, ɔremma ɔtreneeni ntwiw n’anan mu da.


Ɔtamfo no kae sɛ: Metiw, mɛto wɔn, mɛkyɛ asade no mu, wɔbɛmee me kra. Mɛtwe me nkrante, me nsa bɛsɛe wɔn.


Owu ne nkwa wɔ tɛkrɛma nsam, na nea ɔdɔ no no bedi n’aba.


Nea ɔtan obi no de n’ano kyerɛ asɛm bi, na ne mu de, osiesie nkontompo.


Sɛnea me nsa kaa ahenni a wɔn abosonhuhuw ne ahoni sen Yerusalem ne Samaria de no,


Obiara nsamena asɛntrenee so, na obiara nni asɛm nokware so; wɔde wɔn ho to nsɛnhunu so, na wɔka nsɛnhuhuw; wonyinsɛn ɔhaw, na wɔwo mmusu.


Na wo nuanom nso ne w’agya fi, wɔn po twa wo nkontompo, wɔn nso teɛm dennen di w’akyi; sɛ wɔka adɔkɔdɔkɔsɛm kyerɛ wo a, nnye wɔn nni.


Wɔn tɛkrɛma yɛ agyan a ekum nipa, nnaadaasɛm na ɛka; wɔde wɔn ano ka asomdwoesɛm kyerɛ ɔyɔnko, na wɔn mu de, wɔtetɛw no.


Onipa ba, ka kyerɛ ɔheneba a ɔwɔ Tiro no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ wo koma ma ne ho so, na wuse: Meyɛ onyame, anyamegua so na mete, ɛpo mfinimfini, nanso woyɛ onipa na wonyɛ onyame, na woyɛ wo koma sɛ onyame koma nti,


So wobɛkɔ so aka sɛ: Meyɛ onyame, wɔ nea okum wo no anim? Nso wo de, woyɛ onipa na wonyɛ onyame, nea ohwirew wo mu no nsam.


kasa na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me ne wo anya, Misraim hene Farao, asuboa kɛse a ɔda n’asubɔnten mu a ɔka sɛ: M’asubɔnten wɔ me, me ara na meyɛ mefae.


Na ɔbɛkeka nsɛm atia nea ɔwɔ ɔsorosoro no, na ɔbɛhaw ɔsorosoroni no akronkronfo, na ɔbɛbɔ ne tirim sɛ ɔbɛdan mmere ne mmara, na wɔde wɔn bɛhyɛ ne nsa, ɛbere bi ne mmere ne bere fa.


Merehwɛ mmɛn no no, hwɛ, abɛn ketewa foforo bi puei ɛnonom ntam, na kan mmɛn no mu abiɛsa ase tutui ɛno anim, na hwɛ, aniwa a ɛte sɛ onipa aniwa wɔ abɛn no ho ne ano a ɛkeka nsɛnkɛse.


Mokasa tia me, Awurade na ose. Nanso moka sɛ: Dɛn na yɛka tia wo?


Na wɔkeka ahupoosɛm a hwee nni mu, nam honam akɔnnɔ mu de ahohwisɛm daadaa wɔn a woguan fii wɔn a wɔbɔ nnaadaa mu bra no mu nkyɛe.


Eyinom yɛ anwiinwiifo, nnebɔneyɛfo a, wodi wɔn ankasa akɔnnɔ akyi, na wɔn ano ka ahupoosɛm, na mfaso nti wɔdɛfɛdɛfɛ nnipa.


Na wɔmaa no ano a ɔde kaa nsɛm akɛse ne abususɛm, na wɔmaa no kwan asram aduanan abien.


Monnkasa ahantan kasa bebree sa, mommma ahomaso kasa mmfi mo anom, na AWURADE ne Nyankopɔn a ohu ade nyinaa, na ɔno na ɔkari nneyɛe.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan