Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 102:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Nyi w’anim nhintaw me, da a me ho hia me no, brɛ w’aso ase ma me, da a misu mefrɛ no, yɛ ntɛm gye me so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Nyi w’anim nhunta me, da a me ho hia me no, brɛ w’aso ase ma me, da a mesu mefrɛ no, yɛ ntɛm gye me so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Mmfa wʼanim nhintaw me bere a mewɔ ahohia mu. Brɛ wʼaso ase ma me; na sɛ misu frɛ wo a, gye me so ntɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Nyi w’anim nhunta me, da a me ho hia me no, brɛ w’aso ase ma me, da a mesu mefrɛ no, yɛ ntɛm gye me so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Mfa wʼanim nhinta me ɛberɛ a mewɔ ahohiahia mu. Brɛ wʼaso ase ma me; na sɛ mesu mefrɛ wo a, gye me so ntɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Nyi w’anim nhintaw me, da a me ho hia me no, brɛ w’aso ase ma me, da a misu mefrɛ no, yɛ ntɛm gye me so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 102:2
21 Iomraidhean Croise  

Na sɛ ɔno na ɔma edwo a, hena na obebu fɔ? Na ɔde n’ani hintaw a, hena na ɔbɛhwɛ no? Ɔman mu so oo, obiakofo so oo, odi no pɛ,


Na adɛn na womfa me mmarato nkyɛ, na womma me mfomso nsen nkɔ? Na afei mɛda mfutuma mu, na wobɛhwehwɛ me.


Wuhintaw w’ani, na wɔpatuw wu, wuyi wɔn ahome, na wogyaa mu, na wɔsan kɔ wɔn mfutuma mu.


Ao! AWURADE, enkosi da bɛn? Wo were befi me daa? Wode w’ani behintaw me akosi da bɛn?


AWURADE, yɛ ntɛm gye me so, me honhom tɔ piti, nyi w’ani nhintaw me, na manyɛ sɛ wɔn a wosian kɔ amoa mu.


AWURADE, tie asɛntrenee, wɛn w’aso ma me nkɔmmɔ, yɛ aso ma me mpaebɔ a emfi nnaadaa anofafa mu.


Na wo, AWURADE, ntena akyiri. M’ahoɔden, yɛ ntɛm bɛboa me.


Nyi w’ani nhintaw me, mfa abufuw mpam w’akoa. Me boafo ne wo, ntow me nkyene, na nnyaw me, me nkwagye Nyankopɔn.


yɛ aso ma me, yɛ ntɛm gye me. Yɛ me guankɔbea botan, ne srɔnsrɔn so aban sɛ wubegye me nkwa.


AWURADE, ma ɛnyɛ wo fɛ sɛ wubegye me, AWURADE, yɛ ntɛm bɛboa me!


Na nyi w’ani nhintaw w’akoa, na me ho hia me, gye me so ntɛm.


Onyankopɔn, begye me, AWURADE, yɛ ntɛm bɛboa me.


Fa wo trenee yi me, na gye me, yɛ aso ma me, na gye me nkwa.


Na nna dodow yi mu no ɛbae sɛ Misraim hene wui. Na ɔsom no nti Israelfo no sii apini, na wosu frɛe, na wɔn som no mu sufrɛ no koduu Onyankopɔn anim.


Na Onyankopɔn tee wɔn apinisi no, na Onyankopɔn kaee n'apam a ɔne Abraham ne Isak ne Yakob pamee no.


Sɛ woretwa nsu a, me ne wo na ɛwɔ hɔ; na sɛ worefa nsubɔnten mu a, ɛremfa wo nkɔ. Sɛ wonam ogya mu a, ɛrenhyew wo, na ogyaframa renhyew wo.


Na wonnya mfrɛe no, megye so; wɔda so rekasa no, metie.


Na metwɛn AWURADE a oyi n’ani hintaw Yakob fi no, na m’ani da no so.


Sɔhwɛ bi ntoo mo ɛ, gye nea ɛyɛ nipa de; na Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo a ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ mmoro nea mubetumi so, na mmom ɔbɛma kwan a mode befi sɔhwɛ no mu abɛda ho, na moatumi agyina.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan