Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 101:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Meremma ahuhusɛm bi nsi m’ani so, mikyi ahohwisɛnni, ɛremfam me ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Meremma ahuhusɛm biara nsi m’ani so, mekyiri ahohwisɛmdie, ɛremfam me ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Merennye ade a ɛyɛ tan biara nto mu. Mikyi nnipa a wonni gyidi nneyɛe; meremfa me ho mmata ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Meremma ahuhusɛm biara nsi m’ani so, mekyiri ahohwisɛmdie, ɛremfam me ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Meremfa mʼani nsi adeɛ a ɛyɛ tane biara so. Mekyiri nnipa a wɔnni gyidie; Me ne wɔn nni hwee yɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Meremma ahuhusɛm bi nsi m’ani so, mikyi ahohwisɛnni, ɛremfam me ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 101:3
44 Iomraidhean Croise  

Apam na me ne m’aniwa apam, na adɛn na memfa m’ani menkari ɔbaabun?


Mikyi adwene ntantafo, na medɔ wo mmara.


Ma m’ani ntwa adehunu hwɛ ho, ma minnya wo kwan mu nkwa.


Na wɔn a wɔman kɔ wɔn akwan kɔntɔnkye so de, AWURADE de wɔn bɛfra amumɔyɛfo akɔ. Asomdwoe mmra Israel so.


Mede ɔtan pa metan wɔn, mibu wɔn m’atamfo.


Wɔn nyinaa aman, wɔn nyinaa aporɔw, obi nni hɔ a ɔyɛ papa, obiako po nni hɔ.


N’anom nsɛm yɛ ahuhusɛm ne nnaadaa, wagyae nimdeɛ sua ne papayɛ.


Mekae sɛ: Mɛhwɛ m’akwan yiye, na mamfa me tɛkrɛma manyɛ bɔne. Mede nnareka meso m’ano, sɛ ɔbɔnefo wɔ m’anim yi.


Nhyira ne nnipa a wɔde wɔn ani ato AWURADE so, na wɔnnan wɔn ho nkɔ ahantanfo nkyɛn ne wɔn a wɔman di anyame huhu akyi.


M’adamfo pa po a mede me ho metoo no so a odii m’aduan bi no, wama ne nantin so atia me.


Na wɔsan sɔɔ Onyankopɔn hwɛe, na woyii Israel kronkronni no ahii.


Na wɔwae twaa nkontompo sɛ wɔn agyanom, wɔmanee sɛ ta daadaafo.


Mo a modɔ AWURADE, munkyi bɔne. Ɔhwɛ n’ahotefo kra so, obeyi wɔn afi abɔnefo nsam.


Mma w'ani mmmere wo yɔnko fi. Mma w'ani mmmere wo yɔnko yere anaa n'akoa anaa n'afenaa anaa ne nantwi anaa n'afurum anaa biribiara a ɛyɛ wo yɔnko dea.


wɔaman afi ɔkwan a mekyerɛɛ wɔn no so ntɛm; wɔayɛ nantwi ba a wɔagu, na wɔasɔre no abɔ afɔre ama no aka sɛ: Israel, eyinom ne wo anyame a woyii wo fii Misraim asase so bae no.


Onipa huhuw ne ɔbarima busuyɛfo, ɔde ano kɔntɔnkye nennamee,


obubu n’aniwa, ɔde ne nan kasa, ɔde ne nsatea kyerɛkyerɛ ade,


Mma w’ani mmmere n’ahoɔfɛ wo komam, na mma ɔmmfa n’anisuatɛtɛw nnkyere wo.


AWURADE suro ne bɔne tan. Ahokyerɛ ne ahantan ne ɔkwammɔne ne akɔntɔnkyesɛm ano na mikyi.


Aniwa adehu mmom ye, sen sɛ w’akɔnnɔ kyini. Eyi nso yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu.


Momman mfi ɔkwan no so, monkwae ɔtempɔn no, momma Israel kronkronni no nyera yɛn ani so.


Nea ɔnam trenee mu na ɔka nea ɛteɛ, nea okyi apempensika, nea ɔtwe ne nsa na anso anadwode mu, nea osisiw n’aso na ante mogya ho asɛm, na omua n’aniwa na anhu bɔne,


Nanso w’aniwa ne wo koma nni hwee so sɛ wo mfaso so, ne mogya a edi bem so sɛ engu fam, ne amim ne nhyɛso so sɛ wobɛyɛ.


na wɔn ani bere mfuw, na wogye, ne afi, na wɔfofa kɔ, na wɔhyɛ ofiwura ne ne fi so ne onipa ne n’agyapade so.


Na mo mu biara nnnwen ne yɔnko ho bɔne ne koma mu, na mommpɛ atoro ntanka, na eyinom nyinaa ne nea ɛyɛ me tan, AWURADE asɛm ni.


Na me de, mise mo sɛ, obiara a ɔhwɛ ɔbaa na ne kɔn dɔ no no, na wafa no ne komam dedaw.


Mommma nyaatwom mmfra ɔdɔ mu! Munkyi bɔne, mommata papa ho!


Na afei a moahu Nyankopɔn, anaasɛ Onyankopɔn mmom ahu mo yi, adɛn na mosan mo akyi bio kɔ honhom mu nsɛm nkyerɛkyerɛ a ɛyɛ mmerɛw, na edi hia no ho, na mopɛ sɛ mufi ase foforo som bio?


Na mma abusude no bi nnka wo nsam; na AWURADE nnan mfi n’abufuhyew no ho, na onhu wo mmɔbɔ, na ne yam nhyehye no mma wo, na ɔmma wɔnnɔɔso sɛnea ɔkaa w’agyanom ntam no;


Hwɛ yiye na wo komam amma ahuhusɛm bi sɛ: Afe a ɛto so asɔn, adekyɛ afe no abɛn: Na woannya wo nua hiani no ho ani bɔne sɛ woremma no hwee, na wanteɛm amfrɛ AWURADE anhyɛ wo, na annan wo bɔne.


Na yɛn de, yɛmfra wɔn a wɔtwe wɔn ho kɔ ɔsɛe mu no mu, na mmom yɛfra wɔn a wogye di kɔ nkwagye mu no mu.


Enti monhyɛ mo ho den pa ara, na monhwɛ nyɛ nea wɔakyerɛw Mose mmara nhoma no mu nyinaa, na moamman amfi ho ankɔ nifa anaa benkum,


Na anka eye ma wɔn sɛ wɔanhu trenee kwan no, kyɛn sɛ wɔahu na wɔadan afi ahyɛde kronkron a wɔde ahyɛ wɔn no ho.


Wofi yɛn mu na ɛkɔe de, nanso wɔnka yɛn ho, na sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn tenaa hɔ. Na ɛyɛɛ saa na wɔada adi sɛ wɔn nyinaa nka yɛn ho.


Manu me ho sɛ misii Saul hene, efisɛ wasan afi m’akyi, na wamma me nsɛm annyina. Na ɛyɛɛ Samuel awerɛhow, na osu frɛɛ AWURADE anadwo no nyinaa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan