Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 101:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Mede nimdeɛ mɛfa pɛyɛ kwan so. Da bɛn na wobɛba me nkyɛn? Mede me koma pɛyɛ mɛnantew me fi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Mede nimdeɛ bɛfa pɛyɛ kwan so. Da bɛn na wobɛba me nkyɛn? Mede m’akoma pɛyɛ bɛnante me fie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Mɛhwɛ yiye abu ɔbra a ho tew; da bɛn na wobɛba me nkyɛn? Mede koma a afɔdi nni mu bɛhwɛ me fi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Mede nimdeɛ bɛfa pɛyɛ kwan so. Da bɛn na wobɛba me nkyɛn? Mede m’akoma pɛyɛ bɛnante me fie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Mɛhwɛ yie abu ɔbra a ɛho teɛ. Dabɛn na wobɛba me nkyɛn? Mede akoma a afɔdie nni mu bɛnante me fie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Mede nimdeɛ mɛfa pɛyɛ kwan so. Da bɛn na wobɛba me nkyɛn? Mede me koma pɛyɛ mɛnantew me fi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 101:2
22 Iomraidhean Croise  

Na mahu no mayi no sɛ ɔnhyɛ ne mma ne ne fifo a ebedi n'akyi sɛ wonni AWURADE kwan so nyɛ adetrenee, mmu atɛntrenee, na AWURADE ama nea waka Abraham ho no aba no so.


Na Dawid dii Israel nyinaa so hene; na Dawid dii asɛntrenee buu atɛntrenee maa ne man nyinaa.


Na Solomon nkwakorabere mu no, ne yerenom dan ne koma kodii anyame foforo akyi, na ne koma anni mu AWURADE ne Nyankopɔn ho sɛ n’agya Dawid koma.


Na wo de, sɛ wonantew m’anim sɛnea w’agya Dawid nantewee no, koma mu pɛyɛ ne tee mu, sɛ wobɛyɛ sɛnea mahyɛ wo nyinaa, na woadi m’ahyɛde ne m’atemmude so a,


Na sorɔnsorɔmmea no de, wɔanyi amfi Israel; nanso Asa koma dii mu ne nna nyinaa mu.


Na Onyankopɔn nsa baa Yuda nso so sɛ ɔrema wɔn koma koro sɛ wonni ɔhene ne asafohene no ade a wɔde AWURADE asɛm hyɛe no so.


M’ani wɔ asase so nokwafo so, sɛ wɔmmɛtena me ho; nea ɔnam pɛyɛ kwan so no, ɔno na ɔmmɛsom me.


Maka ntam, na mɛma agyina, sɛ medi wo trenee atemmude so.


Nnebɔneyɛfo, mumfi me so, na madi me Nyankopɔn mmara nsɛm so.


Na me de, pɛyɛ mu na mebɔ me bra: Gye me, na hu me mmɔbɔ.


Na me de, meyɛ mmɔbɔ, na meyɛ ohiani de, nanso AWURADE dwen me ho. Wone me boafo ne me gyefo, me Nyankopɔn, ntwentwɛn wo nan ase!


Dɔte afɔremuka na yɛ ma me, na wode hyew afɔre ne w'asomdwoe afɔre, wo nguan ne w'anantwi no abɔ so afɔre; baabiara a mɛma wɔakae me din no mɛba wo nkyɛn mabehyira wo.


Ao, AWURADE, kae sɛnea manantew w’anim nokware mu ne koma a ɛyɛ pɛ mu, na mayɛ nea eye w’ani so. Na Hesekia suu osu kɛse.


na fa kyerɛkyerɛ wo mma yiye, na kasa ho, w’afitena mu ne wo kwan so nantew mu ne wo nna mu ne wo sɔre mu;


Na sɛ ɛnyɛ mo pɛ sɛ mobɛsom AWURADE a, ɛnne ɛnnɛ mompaw nea mobɛsom no mfa: Sɛ anyame a mo agyanom somee a wɔwɔ asuogya no oo, sɛ Amorifo a mote wɔn asase so yi anyame oo, na me ne me fi de, yɛbɛsom AWURADE.


Na Ahimelek buaa ɔhene sɛ: Na wo nkoa nyinaa mu hena na ɔyɛ ɔnokwafo sɛ Dawid a ɔyɛ ɔhene sew, na otie w’asɛm, na wodi no ni wɔ wo fi?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan