Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 100:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na AWURADE ye, n’adɔe wɔ hɔ daa, na ne nokwaredi kodu awo ntoatoaso nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na AWURADE yɛ, n’adɔeɛ wɔ hɔ daa, na ne nokorɛdie kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Awurade ye; na nʼadɔe wɔ hɔ daa; ne nokwaredi kodu awo ntoatoaso nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Na AWURADE yɛ, n’adɔeɛ wɔ hɔ daa, na ne nokorɛdie kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Awurade yɛ; na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa; ne nokorɛdie kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na AWURADE ye, n’adɔe wɔ hɔ daa, na ne nokwaredi kodu awo ntoatoaso nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 100:5
31 Iomraidhean Croise  

Monna AWURADE ase, na oye, na n’adɔe wɔ hɔ daa.


Na ntorobɛntohyɛnfo ne nnwontofo no yɛɛ sɛ obiakofo ma wɔtee ɛnne biako a wɔde reyi AWURADE ayɛ da no ase, na wɔde ntorobɛnto ne nnawuru ne asanku maa wɔn nne so yii AWURADE ayɛ sɛ: Oye na n’adɔe wɔ hɔ daa no, ɛnna omununkum hyɛɛ ɔdan no, AWURADE dan no ma,


Na wobuabuaa wɔn ho AWURADE ayeyi ne aseda no mu sɛ “Na oye, n’adɔe wɔ hɔ daa” Israel so. Na ɔman no nyinaa bɔɔ ose kɛse AWURADE ayeyi no mu sɛ wɔahyɛ AWURADE fi no ase nti.


Na AWURADE adɔe fi daa kɔ daa, wɔn a wosuro no so, na ne trenee wɔ hɔ ma mma mma,


Munyi AWURADE ayɛ! Monna AWURADE ase, na oye, na n’adɔe wɔ hɔ daa.


Monna AWURADE ase, na oye, na n’adɔe wɔ hɔ daa.


Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔe ho, ne n’anwonwade, nnipa mma mu,


na wɔmmɔ aseda afɔre, na wɔmfa ahurusi dwom nka ne nneyɛe.


Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔe ho, ne n’anwonwade, nnipa mma mu,


Wuye, na woyɛ yiye, kyerɛkyerɛ me w’ahyɛde.


AWURADE bewie di ama me, AWURADE, w’adɔe wɔ hɔ daa, wo nsa ano adwuma no, worennyaw no hɔ.


Ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase, ɛpo ne nea ɛwom nyinaa, ɔno na ɔkora nokware daa.


AWURADE ye, na ɔteɛ, enti na ɔkyerɛkyerɛ nnebɔneyɛfo ne kwan so.


AWURADE, w’adɔe kodu soro, na wo nokware kodu wim tɔnn.


Ɔkatakyi, ɛdɛn na wohoahoa wo ho bɔne ho? Onyankopɔn adɔe wɔ hɔ daa nyinaa.


Ɔdom ne nokware behyia, na trenee ne asomdwoe adi mfewano.


Na wo, Awurade, wuye, na wode kyɛ, na w’adɔe dɔɔso ma wɔn a wɔfrɛ wo nyinaa.


na wɔbɛte ahosan nne ne anigye nne, ayeforokunu nne, ne ayeforo nne, ne nnwontofo nne bere a wɔde aseda afɔre ba AWURADE fi no na wɔka sɛ: Monkamfo asafo AWURADE, na AWURADE oye na n’adɔe wɔ hɔ daa. Na mede asase no nnommum mɛsan aba sɛ kan no, AWURADE na ose.


Wode nokware bɛkyerɛ Yakob, ne daa adɔe akyerɛ Abraham sɛ wokaa yɛn agyanom ntam fi tete bemee no.


AWURADE ye, ɔyɛ guankɔbea hia da mu, na onim wɔn a woguan kɔdan no.


na ne mmɔborohunu wɔ wɔn a wosuro no so, awo ntoatoaso a edidi so nyinaa mu.


Enti hu sɛ AWURADE wo Nyankopɔn no, ɔno ne Nyankopɔn, Onyankopɔn nokwafo a ɔkora apam ne adɔe ma wɔn a wɔdɔ no na wodi ne mmara nsɛm so kosi awo ntoatoaso apem so,


daa nkwa anidaso so, nkwa a Onyankopɔn a onni atoro no de fi teteete hyɛɛ bɔ,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan